Maskil. Esrahini Etan+ dwom.
89 Mɛto Yehowa adɔeɛ ho dwom akɔsi daa.+
Mede m’ano bɛka wo nokorɛdie ho asɛm awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.+
2 Maka sɛ: “Adɔeɛ bɛtim hɔ afebɔɔ;+
Ɔsoro nso, woama wo nokorɛdie atim pintinn wɔ hɔ.”+
3 “Me ne deɛ mayi no no ayɛ apam;+
Maka ntam akyerɛ m’akoa Dawid+ sɛ,
4 ‘Mɛma w’aseni atim afebɔɔ,+
Na mama w’ahennwa atim,+ awoɔ ntoatoasoɔ akyi awoɔ ntoatoasoɔ mu.’ ” Sela.
5 O Yehowa, ɔsoro bɛkamfo anwanwadeɛ a woayɛ,+
Na wo nokorɛdie nso, wɔbɛkamfo wɔ akronkronfoɔ asafo mu.
6 Hwan na wɔbɛtumi de no atoto Yehowa ho wɔ soro?+
Hwan na ɔne Yehowa sɛ wɔ Onyankopɔn mma mu?+
7 Ɛsɛ sɛ wɔsuro Nyankopɔn wɔ akronkronfoɔ asafo mu;+
Ɔyɛ kɛseɛ na ne ho yɛ hu sene wɔn a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa.+
8 O asafo Yehowa Nyankopɔn,+
Hwan na ɔwɔ ahoɔden sɛ woɔ, O Yah?+
Wo nokorɛdie atwa wo ho nyinaa ahyia.+
9 Wo na wodi po a ɛpagyapagya ne ho no soɔ;+
Sɛ ɛmema n’asorɔkye so a, wo na woma no yɛ dinn.+
10 Wo na woabubu Rahab pasaa+ sɛ obi a wɔaku no.+
Wode wo basa a ɛyɛ den no na abɔ w’atamfo ahweteɛ.+
11 Ɔsoro yɛ wo dea,+ asase nso yɛ wo dea;+
Asase ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa+—wo na woyɛeɛ.+
12 Atifi ne anafoɔ—wo na wobɔeɛ;+
Tabor+ ne Hermon+—wo din mu na wɔto ahurisi dwom.+
13 Basa a tumi wom yɛ wo dea,+
Wo nsa yɛ den,+
Na wo nsa nifa wɔ soro.+
14 Tenenee ne atemmuo yɛ w’ahennwa nnyinasoɔ;+
Adɔeɛ ne nokorɛ wɔ w’anim.+
15 Anigyeɛ ne ɔman a wɔto ahurisi dwom.+
O Yehowa, w’anim hann mu na wɔnante daa.+
16 Wo din mu na wɔdi ahurisie daa nyinaa+
Na wo tenenee mu na wɔama wɔn soɔ.+
17 Wone wɔn ahoɔden animuonyam;+
W’adom mu na yɛn abɛn di nkonim.+
18 Yɛn kyɛm yɛ Yehowa dea,+
Na yɛn hene yɛ Israel Kronkronni no dea.+
19 Saa berɛ no wokasaa anisoadehunu mu kyerɛɛ w’anokwafoɔ,+
Na wokaa sɛ:
“Madi aboa otumfoɔ bi;+
Mama deɛ mayi no afiri ɔman no mu so.+
20 Mahunu m’akoa Dawid;+
Mede me ngo kronkron asra no;+
21 Ɔno na me nsa bɛsɔ ne mu den,+
Na me basa bɛhyɛ no den.+
22 Ɔtamfo biara rensisi no,+
Na amumuyɔfoɔ asefoɔ biara renhyɛ ne so.+
23 N’anim na mebubuu n’atamfo pasapasa,+
Na wɔn a wɔkyiri no kɔkɔkɔkɔ no, mebobɔɔ wɔn.+
24 Me nokorɛdie ne m’adɔeɛ ne no na ɛteɛ,+
Na me din mu na n’abɛn di nkonim.+
25 Mede ne nsa ato po so,+
Na ne nsa nifa nso, mede ato nsubɔnten so.+
26 Ɔno deɛ, ɔbɛka akyerɛ me sɛ, ‘Wone m’Agya,+
Me Nyankopɔn+ ne me nkwagyeɛ Botan.’+
27 Mede no bɛyɛ abakan,+
Na ɔbɛyɛ asase so ahemfo mu pumpuni.+
28 Mɛma m’adɔeɛ ne no atena daa,+
Na m’apam renni no hwammɔ da.+
29 Mɛma n’aseni atim daa daa,+
Na n’ahennwa bɛyɛ sɛ ɔsoro nna.+
30 Sɛ ne mma gya me mmara+
Na wɔannante m’atemmusɛm mu,+
31 Sɛ wɔgu m’ahyɛdeɛ ho fĩ
Na wɔanni me mmara nsɛm so a,
32 Ɛnneɛ me nso mɛma m’ani akɔ wɔn mmarato so, mede poma,+
Ne wɔn mfomsoɔ so, mede abaa.+
33 Nanso m’adɔeɛ deɛ, merenyi mfiri ne so,+
Na me nokorɛdie rennane atorɔ.+
34 Merengu m’apam ho fĩ,+
Na m’anom asɛm nso, merensesã.+
35 Maka me kronkronyɛ mu ntam+ prɛko,
Na merentwa Dawid nkontompo.+
36 N’aseni bɛtim afebɔɔ,+
Na n’ahennwa bɛyɛ sɛ awia wɔ m’anim.+
37 Ɛbɛtim afebɔɔ sɛ bosome,
Na ayɛ sɛ wiem danseni nokwafoɔ no.” Sela.
38 Nanso wo deɛ, woato deɛ woasra no no atwene, na ne ho ayɛ wo aniwu;+
Woafa deɛ woasra no no ho abufuo.+
39 Woahura w’akoa apam ho;
Woabrɛ n’ahemmotire ase de ato fam.+
40 Woabubu nnwammuo a wɔde aboɔ ayɛ no nyinaa agu;+
Woasɛe n’abandenden pasaa.+
41 Wɔn a wɔretwam nyinaa afom no afa;+
Wadane ahohoradeɛ ama wɔn a wɔbɛn no.+
42 Woama wɔn a wɔkyiri no no nsa nifa so;+
Woama n’atamfo nyinaa adi ahurisie.+
43 Afei nso, woama ne nkrantɛ ayɛ sɛ ɔtamfo deɛ,+
Na woamma no annyina wɔ akono.+
44 Woama n’animuonyam abɔ no,+
Na woato n’ahennwa atwene fam.+
45 Woatwa ne mmeranteberɛ nna so;
Wode animguaseɛ afira no.+ Sela.
46 O Yehowa, wode w’anim bɛhunta akɔsi da bɛn? Afebɔɔ anaa?+
W’abufuo bɛkɔ so adɛre sɛ gya?+
47 Kae sɛdeɛ me nkwa nna tenten teɛ.+
Enti wobɔɔ nnipa mma nyinaa kwa anaa?+
48 Ɔbarima bɛn na ɔte aseɛ a ɔrenwu da?+
Ɔbɛtumi agye ne kra afiri Adamena nsam anaa?+ Sela.
49 O Yehowa, ɛhe na wo kane adɔeɛ no wɔ,
Deɛ wokaa ho ntam kyerɛɛ Dawid, wo nokorɛdie mu no?+
50 O Yehowa, kae ahohora a aba wo nkoa soɔ no,+
Aman pii ahohora a masoa no me kokom no,+
51 O Yehowa, kae sɛdeɛ w’atamfo abɔ no ahohora,+
Sɛdeɛ wɔabɔ deɛ woasra no no ahohora biribiara mu no.+
52 Nhyira nka Yehowa daa daa. Amen ne Amen.+