Dawid mpaebɔ.
86 O Yehowa, brɛ w’aso ase ma me. Gye me so,+
Na meyɛ mmɔborɔni ne ohiani.+
2 Hwɛ me kra so ɛ, na meyɛ nokwafoɔ.+
Gye w’akoa a mede me ho ato wo soɔ—wone me Nyankopɔn.+
3 Hu me mmɔbɔ, O Yehowa,+
Na wo na mesu mefrɛ wo daa nyinaa.+
4 Ma w’akoa kra nni ahurisie,+
Na wo na mema me kra so ma woɔ, O Yehowa.+
5 O Yehowa, woyɛ,+ na wowɔ ɔpɛ sɛ wode bɔne bɛfirie;+
W’adɔeɛ dɔɔso ma wɔn a wɔfrɛ woɔ nyinaa.+
6 O Yehowa, yɛ aso ma me mpaebɔ;+
Wɛn w’aso ma me nkotɔsrɛ nne.+
7 M’ahohia da mu, mɛfrɛ wo,+
Ɛfiri sɛ wobɛtie me.+
8 O Yehowa, obiara nni hɔ a ɔte sɛ woɔ, anyame mu,+
Na nnwuma biara ne wo deɛ nsɛ.+
9 Aman a woayɛ wɔn nyinaa bɛba;+
Wɔbɛba abɛkoto w’anim, O Yehowa,+
Na wɔbɛhyɛ wo din animuonyam.+
10 Woyɛ kɛseɛ, na woyɛ anwanwadeɛ;+
Wone Onyankopɔn, na obiara nka wo ho bio.+
11 O Yehowa, kyerɛkyerɛ me wo kwan.+
Mɛnante wo nokorɛ mu.+
Ma me akoma koro na ɛnsuro wo din.+
12 O Yehowa me Nyankopɔn, mede m’akoma nyinaa bɛkamfo wo,+
Na mɛhyɛ wo din animuonyam akɔsi daa,
13 Ɛfiri sɛ w’adɔeɛ dɔɔso ma me,+
Na woagye me kra afiri Adamena bunu mu.+
14 O Onyankopɔn, ahantanfoɔ asɔre atia me;+
Atirimuɔdenfoɔ asafo ahwehwɛ me kra,+
Na wɔmfaa wo nsii wɔn ani so.+
15 O Yehowa, wo deɛ woyɛ Onyankopɔn mmɔborɔhunufoɔ,
Ɔdomfoɔ+ a ne bo kyɛre fuo+ na n’adɔeɛ ne ne nokorɛdie dɔɔso.+
16 Dane w’ani kyerɛ me, na dom me.+
Ma w’akoa ahoɔden,+
Na gye w’afenaa ba.+
17 Fa me yɛ wo papayɛ ho sɛnkyerɛnne
Na wɔn a wɔtan me nhunu na wɔn ani nwu.+
O Yehowa, wo na woaboa me, na woakyekyere me werɛ.+