7 “Enti onipa dasani asetena wɔ asase so nyɛ nkoasom?+
Na ne nna nte sɛ ɔpaani nna anaa?+
2 Ɔpere hwehwɛ nwunu+ sɛ akoa,
Na ɔtwɛn n’akatua sɛ ɔpaani.+
3 Saa na wɔama manya abosome hunu,+
Na wɔakan anadwo a ɔhaw wɔ mu+ ama me.
4 Sɛ mekɔda a, meka sɛ, ‘Da bɛn na mɛsɔreɛ?’+
Na anadwo mũ nyinaa yɛ me kɔdaanna kɔsi ahemadakye.
5 Mmoaa+ ne dɔteɛ ntoantoa+ afira me sɛ ntoma;
Me honam atwintwam, na ɛrefiri nsuo.+
6 Me nna twam ntɛm+ sene ɔnwemfoɔ akurokurowa,
Na ɛba awieeɛ a anidasoɔ+ bi nnim.
7 Kae sɛ me nkwa yɛ mframa;+
Na m’ani renhunu adepa bio.
8 Deɛ n’ani hu me no, ɔrenhu me bio;
W’ani bɛhwehwɛ me, nanso na menni hɔ.+
9 Sɛdeɛ mununkum twam korɔ no,
Saa na deɛ ɔsiane kɔ Adamena mu no rensan mma bio.+
10 Ɔrensan mma ne fie bio,
Na ne tenabea renhu no bio.+
11 Enti merenka m’ano ntom.
M’ahohia mu na mɛkasa;
Me kra awerɛhoɔ+ mu na mɛka m’asɛm!
12 Meyɛ ɛpo anaasɛ ɛpo mu aboa kɛseɛ
Na woagye me ho ban?+
13 Berɛ a mekaa sɛ, ‘Me mpa bɛkyekyere me werɛ,
Na me kɛtɛ bɛsoa me haw no bie’ no,
14 Wode adaeɛso hunahunaa me,
Na wode anisoadehunu maa mebɔɔ birim,
15 Enti me kra pɛ sɛ ɛtua ahome mmom,
Na mepɛ owuo+ mmom sene me nnompe yi.
16 Mapo nkwa;+ merentena ase bio da.
Gyaa me, na me nna yɛ huruhuro.+
17 Onipa dasani ne hwan+ a woyɛn no
De w’akoma di n’akyi,
18 Na wodwene ne ho anɔpa biara,
Na wosɔ no hwɛ daa?+
19 Adɛn nti na wonyi w’ani mfiri me soɔ,+
Na wonnyaa me mma memmene ntasuo mpo?
20 Sɛ mayɛ bɔne a, ɛdeɛn na mɛtumi de ayɛ woɔ, wo a wohwɛ adasamma?+
Adɛn nti na woatu w’ani asi me soɔ, na madane wo so adesoa yi?
21 Adɛn nti na womfa me mmarato mfiri me,+
Na wommu w’ani ngu me mfomsoɔ soɔ?
Na afei dɔteɛ+ mu na mɛkɔ makɔda;
Na wobɛhwehwɛ me, nanso na menni hɔ bio.”