Dwom 102:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Me nna ayɛ sɛ sunsum a ɛreyera,+Na me deɛ, matwintwam sɛ wura.+ Dwom 103:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Onipa dasani, ne nna te sɛ ɛserɛ mono;+Sɛdeɛ wuram nhwiren yɛ frɔmfrɔm no, saa na ɔteɛ.+ Dwom 144:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Onipa wɔ hɔ yi, ɔte sɛ mframa ara kwa;+Ne nna te sɛ sunsum a ɛtwam.+ Yakobo 4:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 berɛ a monnim deɛ ɛbɛto mo ɔkyena.+ Na moyɛ suwisie a ɛyi ne ho adi berɛ tiaa bi na afei ɛyera.+