11 Ɛnna Sofar a ɔfiri Naama+ no buaa sɛ:
2 “Wɔremma nsɛm dodoɔ yi ho mmuaeɛ,
Na ɔhohoahoafoɔ bɛdi bem anaa?
3 Enti wo kasa hunu yi bɛma mmarima aka wɔn ano atom?
Na wobɛkɔ so adi fɛ a obiara renka w’anim?+
4 Woka sɛ, ‘Me nkyerɛkyerɛ+ yɛ kronn,
Na me deɛ, me ho te w’anim.’+
5 O sɛ anka Onyankopɔn bɛkasa,
Na wabue n’ano akyerɛ wo a!+
6 Anka ɔbɛka wo nyansa ahuntasɛm,
Ɛfiri sɛ nyansa ho nneɛma dɔɔso.
Anka wobɛhunu sɛ Onyankopɔn abu n’ani agu wo mfomsoɔ no bi so.+
7 Wobɛtumi ahunu Onyankopɔn nneɛma a emu dɔ mu?+
Anaa wobɛtumi ahunu adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no kɛseyɛ mu?
8 Ɛkorɔn sene ɔsoro. Ɛdeɛn na wobɛyɛ?
Emu dɔ sene Adamena.+ Ɛdeɛn na wonim?
9 Ne tenten ware sene asase,
Na ɛtrɛ sene ɛpo.
10 Sɛ ɔretwam na ɔkye obi,
Na ɔfrɛ asɛnnie a, hwan na ɔbɛtumi asi no kwan?
11 Ɔno na ɔnim mmarima a wɔnni nokorɛ.+
Sɛ ɔhunu adebɔne a, ɔrenyɛ ho biribi anaa?
12 Sɛ wɔwo serɛ so afunumu sɛ onipa a,
Ɛnneɛ tibɔnkɔso mpo bɛnya adwempa.
13 Wo deɛ, siesie w’akoma
Na trɛ wo nsam kyerɛ no;+
14 Sɛ adebɔne bi wɔ wo nsam a, yi kɔ akyirikyiri,
Na mma amumuyɔ biara nntena wo ntomadan mu.
15 Ɛno na wobɛma w’ani so a dɛm biara nni wo ho,+
Na wobɛgyina pintinn a worensuro.
16 Wo deɛ, wo werɛ bɛfiri ɔhaw mpo;
Wobɛkae no sɛ nsuo a abɛsene korɔ.
17 Na wo nkwa nna+ bɛhyerɛn asene owigyinaeɛ;
Esum mpo bɛyɛ sɛ adekyeeɛ.+
18 Wobɛnya ahotɔsoɔ ɛfiri sɛ anidasoɔ wɔ hɔ;
Na wobɛhwɛ wo ho ahyia—wobɛda dwoodwoo.+
19 Wobɛda, na obiara renyi wo hu.
Nnipa bebree bɛdwodwo wo bo;+
20 Nnebɔneyɛfoɔ ani bɛdi hwammɔ;+
Na dwankɔbea bɛbɔ wɔn,+
Na wɔn anidasoɔ bɛdane ɔkra a ɔrewuo.”+