Mmebusɛm
27 Mfa ɔkyena nhoahoa wo ho,+ na wonnim deɛ ɛda de bɛba.+
2 Ma ɔhɔhoɔ nyi wo ayɛ, na ɛnyɛ wo ara w’ano; ma ɔnanani nyɛ, na ɛnyɛ w’anofafa.+
3 Ɛboɔ mu duro ne anwea adeɛ mã+—ɔkwasea agyegyesɛm mu yɛ duru sene ne mmienu nyinaa.+
4 Abufuo yɛ atirimuɔden, na abufuhyeɛ+ te sɛ nsuyire; ninkuntwe deɛ, hwan na ɔbɛtumi agyina animu?+
5 Animka pefee yɛ+ sene ɔdɔ a ahunta.
6 Sɛ ɔdɔfoɔ pira wo a, ɛfiri nokorɛdie mu,+ na ɔtamfo mfeano deɛ, gye sɛ wɔsrɛ.+
7 Ɔkra a wamee tiatia ɛwoɔkyɛm so, na ɔkra a ɛkɔm de no deɛ, adeɛ a ɛyɛ nwono biara yɛ no dɛ.+
8 Sɛdeɛ anomaa a ɔdwane firi ne pirebuo mu teɛ no,+ saa ara na onipa a ɔdwane firi ne tenabea teɛ.+
9 Sɛdeɛ ngo ne aduhwam+ ma akoma di ahurisie no, saa ara na ayɔnkofa mu dɛ a ɛfiri akomam agyinatuo teɛ.+
10 Nnya w’adamfo anaa wo papa adamfo hɔ na nkɔhyɛn wo nua fie w’amanehunu da. Ofipamfoɔ a ɔbɛn yɛ sene onua a ɔwɔ akyirikyiri.+
11 Me ba, yɛ onyansafoɔ, na ma m’akoma ntɔ me yam,+ na manya asɛm abua deɛ ɔtwa me mpoa.+
12 Onitefoɔ hunu mmusuo na ɔde ne ho hunta;+ ogyimfoɔ a ɔfa mu no nya asotwe.+
13 Deɛ ɔdi ɔhɔhoɔ agyinamu no, gye ne ntoma;+ ɔbarima a ɔkɔdi ɔbaa huhuni akyi no, gye no awowadeɛ.+
14 Sɛ obi de nne kɛseɛ hyira ne yɔnko anɔpatutuutu a, wɔbɛbu no sɛ ɛyɛ nnome.+
15 Ɔyere gyegyefoɔ te sɛ ɛdan a ɛnwunu na ɛpamo onipa osutɔ da.+ 16 Obiara a osianka no no sianka mframa, na ngo na ne nsa nifa bɛsɔ mu.
17 Dadeɛ na wɔde se dadeɛ ano. Saa na onipa nso se ne yɔnko anim.+
18 Deɛ ɔhwɛ borɔdɔma dua soɔ no, ɔno nso bɛdi n’aba,+ na deɛ ɔwɛn ne wura no bɛnya anidie.+
19 Sɛdeɛ animu hunu animu wɔ nsuo mu no, saa ara na onipa akoma hunu ne yɔnko deɛ.
20 Adamena* ne ɔsɛeɛ amena+ mmee da,+ na onipa aniwa nso mmee da.+
21 Ɔnanefoɔ kukuo wɔ hɔ ma dwetɛ,+ na fononoo wɔ hɔ ma sika;+ onipa deɛ, sɛdeɛ n’ayeyie teɛ na wɔde hu no.+
22 Sɛ wode wɔmma si ɔkwasea muhumuhu fra ayuo wɔ waduro mu mpo a, ne nkwaseasɛm no remfiri ne mu.+
23 Hunu na hunu wo nnwan yie. Fa w’akoma si wo nnwankuo so;+ 24 na ahonyadeɛ rentena hɔ afebɔɔ,+ na ahemmotire nso rentena hɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.
25 Ɛserɛ kɔ, na ɛserɛ foforɔ fifi, na mmepɔ so nhahamma yɛ bebree.+ 26 Nnwammaa ma wo ntoma,+ na mpapo yɛ asase boɔ. 27 Na wobɛnya mmirekyie nufosuo a ɛbɛsõ w’aduane, wo fiefoɔ aduane, ne wo mmaayewa asetenadeɛ.+