Genesis 37:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Afei ne nuanom no ani beree no,+ nanso ne papa de asɛm no siee ne tirim.+ Mmebusɛm 14:30 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 30 Akoma a ɛdwoɔ yɛ honam nkwa,+ na ahoɔyaa yɛ nnompe mu porɔeɛ.+ Asomafoɔ Nnwuma 17:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Na Yudafoɔ no ani bereeɛ,+ na wɔboaboaa nsɛmmɔnedifoɔ bi a wɔwɔ dwa so a wɔmpɛ hwee ayɛ ano maa kuro no mu yɛɛ bagyabagya.+ Na wɔto hyɛɛ Yason+ fie so hwehwɛɛ sɛ wɔde wɔn bɛbrɛ wɔn a wɔreyɛ basabasa no. Yakobo 3:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Na sɛ mowɔ ahoɔyaa+ dendeenden ne mansotwe+ wɔ mo akomam a, monnhoahoa mo ho+ nnni atorɔ nntia nokorɛ no.+
5 Na Yudafoɔ no ani bereeɛ,+ na wɔboaboaa nsɛmmɔnedifoɔ bi a wɔwɔ dwa so a wɔmpɛ hwee ayɛ ano maa kuro no mu yɛɛ bagyabagya.+ Na wɔto hyɛɛ Yason+ fie so hwehwɛɛ sɛ wɔde wɔn bɛbrɛ wɔn a wɔreyɛ basabasa no.
14 Na sɛ mowɔ ahoɔyaa+ dendeenden ne mansotwe+ wɔ mo akomam a, monnhoahoa mo ho+ nnni atorɔ nntia nokorɛ no.+