1 Samuel 23:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 Ɛnna Saul ba Yonatan sɔreeɛ, na ɔkɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Hores kɔhyɛɛ ne nsam den+ Onyankopɔn din mu.+ Mmebusɛm 15:23 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 23 Onipa anom mmuaeɛ ma no di ahurisie,+ na asɛm a wɔka no berɛ a ɛsɛ mu deɛ, O hwɛ sɛdeɛ ɛyɛ!+ Mmebusɛm 16:24 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 24 Nsɛm a ɛyɛ dɛ yɛ ɛwoɔkyɛm;+ ɛyɛ ɔkra dɛ na ɛsa nnompe yareɛ.+ Asomafoɔ Nnwuma 28:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Na anuanom tee yɛn nka no, wɔfiri hɔ bɛhyiaa yɛn wɔ Apia Dwa mu ne Nsadan-Mmiɛnsa tɔnn, na Paulo ani bɔɔ wɔn soɔ pɛ na ɔdaa Onyankopɔn aseɛ na ɔtwaa n’akoma too ne yam.+
15 Na anuanom tee yɛn nka no, wɔfiri hɔ bɛhyiaa yɛn wɔ Apia Dwa mu ne Nsadan-Mmiɛnsa tɔnn, na Paulo ani bɔɔ wɔn soɔ pɛ na ɔdaa Onyankopɔn aseɛ na ɔtwaa n’akoma too ne yam.+