Mmebusɛm 12:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Onipa anom aba na ɔde bɛdi papa amee,+ na onipa nsa ano adeɛ bɛsan aba ne nkyɛn.+ Mmebusɛm 16:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Tenenee ano ma ɔhenkɛseɛ ani gye;+ na onipa a ɔka deɛ ɛtene na ɔdɔ no.+ Efesofoɔ 4:29 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 29 Mommma asɛm a aporɔ mmpue mmfiri mo anom,+ na mmom asɛm biara a ɛyɛ ma nkɔsoɔ a ɛhia, na ɛde nsɛm a mfasoɔ wɔ soɔ ama atiefoɔ.+
29 Mommma asɛm a aporɔ mmpue mmfiri mo anom,+ na mmom asɛm biara a ɛyɛ ma nkɔsoɔ a ɛhia, na ɛde nsɛm a mfasoɔ wɔ soɔ ama atiefoɔ.+