Mmebusɛm 17:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Ɔyɔnko berɛboɔ dɔ berɛ nyinaa;+ ɔyɛ onua a wɔwoo no maa ahohia da.+ Mmebusɛm 18:24 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 24 Ayɔnkofoɔ bi wɔ hɔ a wɔsɛe wɔn nnamfo,+ na adamfoɔ bi nso wɔ hɔ a ɔfam ho sene onua.+ Mateo 12:49 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 49 Na ɔtenee ne nsa kyerɛɛ n’asuafoɔ no so kaa sɛ: “Hwɛ! Me maame ne me nua mmarima nie!+