17 Deɛ wobɛwuo no, ɛhɔ ara na mɛwuo,+ na ɛhɔ ara nso na wɔbɛsie me. Gye owuo na ɛbɛtete me ne wo ntam, anyɛ saa a Yehowa ntua me ka na ɔnsan mfa bi nka ho.”+
2 Nanso Saul ba Yonatan deɛ, na ɔpɛ Dawid asɛm yie.+ Enti Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Me papa Saul rehwehwɛ wo aku wo. Enti mesrɛ wo hwɛ wo ho yie anɔpa, na tena ahuntaeɛ mu baabi, na fa wo ho sie.+