Yesaia
28 Efraim+ asabofoɔ abotire akɛseɛ no nnue. N’animuonyam fɛfɛ no te sɛ nhwiren bi a ɛretwintwam a wɔde ahyɛ kuro a ɛda asase pa no atifi no. Ɛhɔ na wɔn a nsã afa wɔn nnommum no teɛ! 2 Hwɛ, Yehowa wɔ hoɔdenfoɔ bi a n’ani so yɛ hyeɛ.+ Na ɔbɛtu ato fam ahoɔden so te sɛ aprannaa kɛseɛ mu asukɔtweaa,+ gyampantrudu mframa a ɛsɛe adeɛ, te sɛ nsuo a ɛyiri+ sram so kitikiti sɛ aprannaa denden. 3 Wɔbɛtiatia+ Efraim asabofoɔ abotire akɛseɛ no so. 4 Na n’animuonyam fɛfɛ a ɛte sɛ nhwiren a ɛretwintwam+ a wɔde ahyɛ kuro a ɛda asase pa no atifi no bɛyɛ sɛ borɔdɔma a ɛdi kan+ ba ansa na ahuhuro berɛ aduru no; sɛ obi hu no ne nsam ara pɛ a ɔbɛmene.
5 Saa da no asafo Yehowa bɛyɛ sɛ animuonyam abotire+ ne nhwiren kyɛ fɛfɛ+ ama ne manfoɔ a aka,+ 6 na ɔbɛyɛ atɛntenenee honhom ama deɛ watena ase rebu atɛn,+ ne ɔkatakyie ama wɔn a wɔdane ɛko ani firi kuro pono ano.+
7 Yeinom nso, nsã ama wɔafom kwan, mmosã ama wɔde wɔn ti pempem. Ɔsɔfoɔ ne odiyifoɔ+ nso, mmosã ama wɔafom kwan, nsã ama wɔn adwene atu afra, mmosã ama wɔde wɔn ti pempem.+ Wɔafom kwan wɔ anisoadehunu mu, na wɔhinhim wɔ gyinaeɛsie mu. 8 Ɛfeɛ pɔtɔɔ ayɛ apono so mã+—baabiara nni hɔ a ebi nnie.
9 Hwan na obi bɛkyerɛ no nimdeɛ,+ na hwan na obi bɛkyerɛ no deɛ wate no ase?+ Wɔn a wɔatwa wɔn nufoɔ, wɔn a wɔate wɔn afiri nufosuo ho anaa?+ 10 Na ɛyɛ “mmara-mmara, mmara-mmara; susuhoma-susuhoma, susuhoma-susuhoma; ɛha kakra, ɛhɔ kakra.”+ 11 Ano a ɛpo dodoɔ+ ne kɛtrɛma foforɔ+ so na ɔnam bɛkasa akyerɛ ɔman yi.+ 12 Wɔn na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ahomegyebea nie. Momma wɔn a wɔabrɛ no nhome. Ahotɔbea nie,” nanso wɔampɛ sɛ wɔtie.+ 13 Na wɔbɛbu Yehowa asɛm sɛ “mmara-mmara, mmara-mmara; susuhoma-susuhoma, susuhoma-susuhoma;+ ɛha kakra, ɛhɔ kakra,” na wɔbɛbu ahwe wɔn akyi, wɔbɛbubu, na wɔbɛtɔ fidie mu ama no ayi wɔn.+
14 Montie Yehowa asɛm, mo a mohoahoa mo ho, mo a modi ɔman yi so+ wɔ Yerusalem: 15 Na moaka sɛ: “Yɛne Owuo ayɛ apam,+ na yɛne Adamena* anya anisoadehunu+ baako; sɛ deɛ ɛyiri fa soɔ no retwam a, ɛremma yɛn so, ɛfiri sɛ yɛde atorɔ ayɛ yɛn dwankɔbea,+ na yɛde nkontompo ayɛ yɛn huntabea.”+ 16 Enti deɛ Awurade Tumfoɔ, asafo Yehowa, aka nie: “Mede boɔ+ ato fapem asi Sion,+ ɛboɔ a wɔasɔ ahwɛ,+ ntwea boɔ+ a ne boɔ yɛ den a wɔde ato fapem+ dendeenden. Na obiara a ɔwɔ mu gyidie no remmɔ hu.+ 17 Mede atɛntenenee bɛyɛ susuhoma+ na mede tenenee+ ayɛ prumo, na asukɔtweaa+ bɛpra atorɔ+ dwankɔbea no na nsuo ayiri afa huntabea+ no. 18 Apam a mo ne Owuo yɛeɛ no bɛgu,+ na anisoadehunu a mo ne Adamena nyaeɛ no rennyina.+ Sɛ deɛ ɛyiri sram soɔ no retwam+ a, ɛbɛtwi afa mo so.+ 19 Berɛ biara a ɛbɛtwam no ɛbɛfa mo akɔ,+ na anɔpa biara ne awia ne anadwo, ɛbɛtwam. Na wɔn a wɔbɛte na wɔate aseɛ no ho bɛpopo.”+
20 Mpa no yɛ tia enti obi ntumi ntwe ne nan mu, na dabua no nso sua enti ɛntumi nkata ne ho nyinaa. 21 Yehowa bɛsɔre agyina sɛdeɛ ɔyɛɛ no Bepɔ Perasim+ soɔ no, na ɔbɛwoso ne ho sɛdeɛ ɔyɛɛ no Gibeon+ asasetamaa soɔ no. Ɔbɛyɛ anwanwadeɛ bi, na ɔbɛdi dwuma soronko bi.+ 22 Enti monnni fɛ+ bio na mo ahoma no mu anyɛ den, ɛfiri sɛ mate sɛ Awurade Tumfoɔ,+ asafo Yehowa, asi gyinaeɛ sɛ ɔbɛsɛe asase no nyinaa pasaa.+
23 Monyɛ aso ntie me; monyɛ komm ntie m’anom asɛm. 24 Okuafoɔ fɛntɛm asase daa+ sɛ ɔbɛdua adeɛ? Ɔfuntum asase+ siesie so daa? 25 Sɛ ɔsiesie asase no ani wie a, ɔngu kumin tuntum, na ɔmpete serɛ so nunum+ wɔ so? Na ɔnnua ayuo ne atokoɔ+ wɔ n’afã,+ ne kɔkɔte*+ wɔ ne hyeɛ so?+ 26 Ɔtene+ ne so ɔkwampa so. Ne Nyankopɔn kyerɛkyerɛ no.+ 27 Ɛnyɛ ayuporeɛ adeɛ+ na wɔde poro kumin tuntum; na wɔmfa teaseɛnam nan mfa nunum so. Mmom abaa+ na wɔde boro kumin tuntum, na poma na wɔde boro nunum. 28 Wɔyam ayuo ma no yɛ muhumuhu anaa? Ma wɔmporo+ no daa.+ Obi bɛma ne teaseɛnam ne n’apɔnkɔ afa so, nanso ɔrenyam.+ 29 Yei nso firi asafo Yehowa no ara hɔ,+ deɛ n’agyinatuo yɛ nwanwa na ne nnwuma da ne nyansa adie no.+