44 Nanso berɛ a wɔwɔ wɔn atamfo asase soɔ mpo no, merempo wɔn+ koraa na meremmu wɔn sɛ abofonodeɛ+ a enti mɛtɔre wɔn aseɛ. Merenyɛ saa na mammu apam a me ne wɔn ayɛ no so,+ ɛfiri sɛ mene Yehowa wɔn Nyankopɔn.
20 Saa da no, Israel nkaefoɔ+ ne Yakob fie adwanefoɔ remfa wɔn ho ntwere deɛ ɔhwee wɔn no bio.+ Mmom wɔde wɔn ho bɛtwere Yehowa, Israel Kronkronni no,+ wɔ nokorɛdie mu.+