Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Yehowa akoa Dawid dwom; ɔkaa dwom yi mu nsɛm kyerɛɛ Yehowa da a Yehowa yii no firii n’atamfo nyinaa nsam, ne Saul+ nsam no. Ɔkaa sɛ:
18 Mɛdɔ wo, O Yehowa, m’ahoɔden.+
2 Yehowa ne me botan ne m’abandenden ne me Gyefoɔ.+
Me Nyankopɔn yɛ me botan. Ɔno na medwane metoa no,+
Me kyɛm ne me nkwagyeɛ abɛn, m’abantenten.+
3 Mesu mefrɛ Yehowa, Ɔno a ɔfata ayeyie+ no,
Na ɔbɛgye me afiri m’atamfo nsam.+
4 Owuo nhoma twaa me ho hyiaeɛ;+
Ahuhufoɔ nsuyire nso yii me hu daa.+
5 Adamena nhoma twaa me ho hyiaeɛ;+
Owuo mfidie bɛtoaa me.+
6 M’ahohia mu, mefrɛɛ Yehowa,
Na mesu frɛɛ me Nyankopɔn.+
Ɔtee me nne n’asɔrefie hɔ,+
Na me sufrɛ no duruu n’asom.+
7 Ɛnna asase hinhimiiɛ, na ɛwosoeɛ,+
Mmepɔ nnyinasoɔ nso wosoeɛ,+
N’abufuo nti, ɛwosoo biribiribiri.+
8 Wisie firii ne hwenem, na n’anom gya nso hyee adeɛ;+
Nsramma dɛre firii ne mu.
9 Ɔkuntunuu ɔsoro mu sianeeɛ.+
Ná esum kabii wɔ ne nan ase.
10 Ɔtenaa kerubim so tu baeɛ,+
Na ɔde ɔbɔfoɔ ntaban+ tuu huu baeɛ.
11 Ɔde sum kataa ne ho,+
Ɔde yɛɛ sese twaa ne ho hyiaeɛ,
Nsuo a amuna tumm, mununkum+ kusuu mu.
12 N’anim hann mu na ne mununkum firi bɛtwaa mu,+
Na asukɔtweaa ne nsramma a ɛredɛ+ nso baeɛ.
13 Yehowa firi soro boboom,+
Ɔsorosoroni no maa ne nne so,+
Na asukɔtweaa ne nsramma a ɛredɛreɛ nso baeɛ.
14 Ɔsomaa n’agyan baeɛ, na ɔde bɔɔ wɔn hweteeɛ;+
Ɔtotoo anyinam nso de tanee wɔn ani.+
15 Wɔhunuu nsuo ase,+
Na asase fapem yii adi;+
Ɛfiri w’animka, O Yehowa, ɛfiri wo hwene mu home hahyeehahyee no.+
16 Ɔtenee ne nsa firii soro, ɔsɔɔ me mu;+
Ɔyii me firii nsuo akɛseɛ mu.+
17 Ɔgyee me firii me tamfo hoɔdenfoɔ nsam;+
Ɔgyee me firii wɔn a wɔkyiri me nsam; ɛfiri sɛ na wɔn ho yɛ den sene me.+
18 Wɔbɛtoaa me m’amanehunu+ da,
Nanso Yehowa bɛyɛɛ me boafoɔ.+
19 Ɔyii me kɔgyinaa deɛ ɛhɔ trɛ;+
Ɔgyee me ɛfiri sɛ n’ani gyee me ho.+
20 Yehowa tua me ka sɛdeɛ me tenenee teɛ;+
Sɛdeɛ me nsa ho teɛ na ɔtua me ka.+
21 Ɛfiri sɛ mafa Yehowa akwan so,+
Na mennyaa me Nyankopɔn+ nkɔyɛɛ bɔne.
22 N’atemmusɛm nyinaa wɔ m’anim,+
Na ne mmara nso, merenyi mfiri me ho.+
23 Mɛdi mũ wɔ ne nkyɛn,+
Na mɛtwe me ho afiri bɔne nso ho.+
24 Ma Yehowa ntua me ka sɛdeɛ me tenenee teɛ;+
Sɛdeɛ me nsa ho teɛ wɔ n’anim no, ɔntua me ka.+
25 Ɔnokwafoɔ na wo ne no bɛdi no nokorɛdie mu;+
Ɔbarima a ɔdi mũ na wo ne no bɛdi no mũdie mu;+
26 Deɛ ɔma ne ho teɛ na wobɛte wo ho ama no;+
Na kɔntɔnkyeni deɛ, wobɛkyinkyim wo ho akyerɛ no;+
27 Wo na wogye mmɔborɔfoɔ man;+
Na aniwa a ɛyɛ ahantan deɛ, wobɛbrɛ no ase.+
28 Wo na woma me kanea hyerɛn, O Yehowa;+
Me Nyankopɔn bɛma esum adane me hann.+
29 Wo nti, metumi to hyɛ afomfoɔ dɔm so;+
Na me Nyankopɔn nti metumi foro fasuo.+
30 Nokorɛ Nyankopɔn no deɛ, ne kwan yɛ pɛ;+
Yehowa asɛm nso, wɔapa mu.+
Ɔyɛ kyɛm ma wɔn a wɔdwane kɔtoa no+ nyinaa.
31 Hwan ne Onyankopɔn sɛ Yehowa?+
Na hwan ne ɔbotan sɛ yɛn Nyankopɔn?+
32 Nokorɛ Nyankopɔn no na ɔde ahoɔden+ bɔ me abɔsoɔ,
Na ɔbɛma me kwan ayɛ pɛ;+
33 Ɔma me nan yɛ sɛ ɔforoteɛ deɛ,+
Na baabi a ɛwɔ sorosoro mpo, ɔma metumi gyina hɔ.+
34 Ɔkyerɛkyerɛ me nsa akodie,+
Na me basa kuntunu kɔbere tadua mu.+
35 Wode wo nkwagyeɛ kyɛm bɛma me;+
Wo nsa nifa na ɛbɛwowa me,+
Na w’ahobrɛaseɛ na ɛbɛma mayɛ kɛseɛ.+
36 Wobɛma m’anammɔn mu atrɛ,+
Na me nanpɔso anwosowoso.+
37 Mɛpamo m’atamfo akɔsi sɛ mɛto wɔn;
Merensan kɔsi sɛ mɛtɔre wɔn aseɛ.+
38 Mɛbubu wɔn, na wɔrentumi nsɔre bio;+
Wɔbɛhwe ase me nan ase.+
39 Wode ahoɔden bɛbɔ me abɔsoɔ ama akodie,
Na wobɛma wɔn a wɔsɔre tia me ahwe ase me nan ase.+
40 Wode m’atamfo kɔn akyi bɛma me,+
Na wɔn a wɔkyiri me no, mɛsɛe wɔn.+
41 Wɔsu frɛ, nanso ɔgyefoɔ bi nni hɔ,+
Wɔfrɛ Yehowa, nanso ɔmmua wɔn.+
42 Mɛyam wɔn muhumuhu sɛ mfuturo, mframa anim,+
Na mɛto wɔn agu sɛ abɔnten so atɛkyɛ.+
43 Wobɛyi me afiri ɔman kasatia mu.+
Na wobɛma madi amanaman so.+
Ɔman a mennim wɔn no, wɔn na wɔbɛsom me.+
44 Atesɛm kɛkɛ bɛma wɔatie me;+
Na ahɔhoɔ nso bɛbrɛ wɔn ho ase ama me.+
45 Ahɔhoɔ bɛkusa,
Na wɔde ahopopoɔ bɛfiri wɔn huntabea aba.+
46 Yehowa te ase;+ nhyira nka me Botantim no,+
Na me nkwagyeɛ Nyankopɔn no, wɔmma ne so.+
47 Nokorɛ Nyankopɔn no na ɔtɔ werɛ ma me;+
Na ɔka aman gu me nan ase.+
48 Ɔgye me firi m’atamfo a wɔn bo afuo nsam;+
Wobɛma me so wɔn a wɔsɔre tia me no so,+
Wobɛgye me afiri owudini nsam.+
49 Ɛno nti, mɛkamfo wo amanaman mu, O Yehowa,+
Na mɛto ayeyi dwom ama wo din.+
50 Nkwagyeɛ nnwuma akɛseɛ na ɔyɛ ma ne hene,+
Na ɔyɛ deɛ wasra no no adɔeɛ,+
Dawid ne n’aseni no, daa daa.+