2 Samuel 22:41 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 41 Wode m’atamfo kɔn akyi bɛma me,+Na wɔn a wɔkyiri me no, mɛsɛe wɔn.+ Dwom 21:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Wo nsa bɛka w’atamfo nyinaa;+Wo nsa nifa na ɛbɛsɔ wɔn a wɔtan woɔ no mu. Dwom 34:21 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 21 Ɔdebɔneyɛfoɔ deɛ, mmusuo na ɛbɛku no;+Ɔteneneeni atamfo nso, wɔbɛbu wɔn fɔ.+