Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid dwom.
21 O Yehowa, w’ahoɔden mu na ɔhene di ahurisie,+
Na wo nkwagyeɛ mu na ɔbɛdi ahurisie kɛse daa!+
2 Wode deɛ n’akoma pɛ ama no,+
Na woankame no n’ano abisadeɛ.+ Sela.
3 Wobɛhyiaa no de adepa+ hyiraa no,
Na wode sika amapa abotire bɔɔ ne ti.+
4 Ɔbisaa wo hɔ nkwa, na wode maa no,+
Womaa no nnasanten, daa daa.+
5 N’animuonyam sõ wɔ wo nkwagyeɛ mu.+
Anidie ne animuonyam na wode ahyɛ no.+
6 Woayɛ no nhyira kɛseɛ daa;+
Wode w’anim ahurisidie+ ma n’ani gye.
7 Ɔhene de ne ho ato Yehowa so,+
Ɔde ato Ɔsorosoroni no adɔeɛ so. Biribiara remma no nhinhim.+
8 Wo nsa bɛka w’atamfo nyinaa;+
Wo nsa nifa na ɛbɛsɔ wɔn a wɔtan woɔ no mu.
9 Wobɛyɛ wɔn sɛ fononoo a wɔasɔ mu gya berɛ a woahyɛ sɛ wobɛyi wo ho adie no.+
Yehowa abufuo mu na ɔbɛmene wɔn, na egya na ɛbɛhye wɔn.+
10 Wobɛsɛe wɔn mma afiri asase so,+
Na wobɛsɛe wɔn asefoɔ afiri nnipa mma mu.+
11 Ɛfiri sɛ wɔabɔ wo ho pɔ bɔne;+
Wɔasusu biribi a wɔrentumi nyɛ.+
12 Na wobɛma wɔadane wɔn ani adwane,+
W’agyan homa a wode akyerɛ wɔn soɔ+ nti.
13 O Yehowa, ma wo ho so, w’ahoɔden mu.+
Yɛbɛto dwom, yɛbɛto wo kɛseyɛ ho dwom.+