Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid dwom.
20 Yehowa ntie wo, ahohia+ da.
Yakob Nyankopɔn din mmɔ wo ho ban.+
2 Ɔmfiri kronkronbea+ hɔ mmoa wo,
Na ɔmfiri Sion+ nwowa wo.
3 Ɔnkae w’ayɛyɛdeɛ+ nyinaa,
Na n’ani nsɔ wo hyeɛ afɔdeɛ mu sradeɛ.+ Sela.
4 Ɔmma wo deɛ w’akoma pɛ,+
Na ɔmma wo tirimbɔ nyinaa mmra mu.+
5 Gye a wagye woɔ no mu na yɛbɛdi ahurisie,+
Na yɛn Nyankopɔn din mu na yɛbɛmema yɛn mfrankaa soɔ.+
Yehowa mma w’abisadeɛ nyinaa mmra mu.+
6 Mahunu sɛ Yehowa gye deɛ wasra no+ no.
Ɔfiri ne soro+ kronkron hɔ tie no;
Ɔde ne nsa nifa mu ahoɔden nnwuma bɛgye no.+
7 Ebinom ka nteaseɛnam ho asɛm, ebinom nso bɔ apɔnkɔ+ din,
Na yɛn deɛ, Yehowa yɛn Nyankopɔn din na yɛbɛbɔ.+
8 Wɔn na wɔadi nkoguo ahwehwe aseɛ;+
Na yɛn deɛ, yɛasɔre, na yɛgyina hɔ pintinn.+
9 O Yehowa, gye ɔhene+ ɛ!
Da a yɛbɛfrɛ no, ɔbɛgye yɛn so.+