31 Wɔn a wɔkɔ Egypt kɔgye mmoa+ no nnue. Wɔn na wɔde wɔn ho to apɔnkɔ kɛkɛ so+ na wɔde wɔn werɛ hyɛ nteaseɛnam mu,+ ɛfiri sɛ ɛdɔɔso; na wɔn ani da apɔnkɔ a wɔn ho yɛ hare so, ɛfiri sɛ wɔn ho yɛ den paa. Na Israel Kronkronni no deɛ, wɔnhuu no, na Yehowa deɛ, wɔnhwehwɛɛ n’akyiri kwan.+