Wɔde ma dwonkyerɛfo, Adekyeeɛ Foroteɛ so. Dawid dwom.
22 Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, adɛn nti na woagya me?+
Adɛn nti na wontie+
Me nsɛm a mede tea mu?+
2 O me Nyankopɔn, mefrɛ wo adekyeeɛ, nanso wommua me;+
Na ɛduru anadwo nso a, menka m’ano ntom.+
3 Woyɛ kronkron,+
Na Israel ayeyie atwa wo ho ahyia.+
4 Wo na yɛn agyanom de wɔn ho too wo soɔ;+
Wɔde wɔn ho too wo so, na wogyee wɔn.+
5 Wo na wɔteaam frɛɛ woɔ,+ na wogyee wɔn;+
Wo na wɔde wɔn ho too wo soɔ, na wɔn ani anwu.+
6 Na me deɛ, meyɛ sonsono,+ menyɛ nipa,
Meyɛ ahohoradeɛ ma nnipa ne atantanneɛ ma aman.+
7 Wɔn a wɔhu me nyinaa di me ho fɛ;+
Wɔbaebae wɔn anom, na wɔwosowoso wɔn ti+ ka sɛ:
8 “Ɔde ne ho ato Yehowa so.+ Ma No nnye no ɛ!+
Sɛ wagye no atom ampa a, ma no nnye no nkwa!”+
9 Wone Deɛ ɔyii me firii yafunu mu,+
Berɛ a metua me maame nufo ano no,+ womaa menyaa ahotɔsoɔ.
10 Mefiri yafunu+ mu na wɔde me too wo soɔ;
Wone me Nyankopɔn firi me maame yam.+
11 Mma me ne wo ntam nnware, ɛfiri sɛ ahohia abɛn me,+
Na ɔboafoɔ foforɔ bi nni hɔ.+
12 Anantwinini bebree atwa me ho ahyia;+
Basan anantwinini ahoɔdenfoɔ atwa me ho ahyia.+
13 Wɔabuebue wɔn anom hwɛ me+
Sɛ gyata a ɔretete nam mu na ɔrebobom.+
14 Wɔahwie me agu sɛ nsuo,+
Na me nnompe nyinaa ahwinhwan.+
M’akoma ayɛ sɛ sradeɛ;+
Anane wɔ me mu tɔnn.+
15 M’ahoɔden asa sɛ kyɛmferɛ,+
Me kɛtrɛma afam me dodom;+
Owuo mfuturo mu na wode me asie.+
16 Nkraman atwa me ho ahyia;+
Nnebɔneyɛfoɔ asafodɔm aka me ahyem.+
Wɔkura me nsa ne me nan mu+ sɛ gyata.
17 Metumi kan me nnompe nyinaa.+
Wɔn deɛ, wɔhwɛ me, wɔhwɛ me hãã.+
18 Wɔkyekyɛ me ngugusoɔ mu fa,+
Na m’atadeɛ nso, wɔbɔ so ntonto.+
19 O Yehowa, mma me ne wo ntam nnware.+
O m’ahoɔden,+ yɛ ntɛm bɛboa me.+
20 Gye me kra firi nkrantɛ ano;+
Gye m’adeɛ koro no firi kraman nsam.+
21 Gye me firi gyata anom,+
Tie me na gye me firi ɛkoɔ mmɛn mu.+
22 Mɛbɔ wo din+ akyerɛ me nuanom;+
Mɛyi wo ayɛ asafo mfimfini.+
23 Mo a mosuro Yehowa nyinaa, monyi no ayɛ!+
Yakob asefoɔ nyinaa, monhyɛ no animuonyam!+
Israel asefoɔ nyinaa, mo ho mpopo n’anim.+
24 Wammu ɔmanehunufoɔ animtia,+
Na wantan no n’amanehunu mu;+
Wamfa n’anim anhunta no;+
Ɔsu frɛɛ no no, ɔtieeɛ.+
25 Deɛ woayɛ nti na mɛyi wo ayɛ asafo kɛseɛ mu;+
Mɛtua me bɔhyɛ adeɛ wɔ wɔn a wɔsuro woɔ no anim.+
26 Ahobrɛasefoɔ bɛdidi na wɔamee;+
Wɔn a wɔhwehwɛ Yehowa no bɛyi no ayɛ.+
Mo akoma nnya nkwa daa.+
27 Asase ano nyinaa bɛkae, na wɔadane aba Yehowa nkyɛn.+
Amanaman mmusuakuo nyinaa bɛkoto w’anim.+
28 Yehowa na ahennie wɔ no,+
Ɔno na ɔdi amanaman soɔ.+
29 Asase so akɛsefoɔ nyinaa bɛdidi na wɔakoto;+
Wɔn a wɔkɔ mfuturo mu nyinaa bɛkoto n’anim,+
Na obiara renkora ne kra so da.+
30 Nkyirimma bɛsom no;+
Wɔbɛka Yehowa ho asɛm akyerɛ awoɔ ntoatoasoɔ.+
31 Wɔbɛba na wɔabɛka ne tenenee ho asɛm+
Akyerɛ wɔn a wɔbɛwo wɔn no sɛ ɔno na wayɛ yei.+