Hiob 16:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Wɔabue wɔn anom hoo hwɛ me,+Wɔde ahohorabɔ abɔ me sotorɔ,Wɔaboaboa wɔn ano bebree atu aba me so.+ Dwom 35:21 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 21 Wɔbaebae wɔn anom kyerɛ me.+Wɔka sɛ: “Ahaa! Ahaa! Yɛn ani ahunu.”+ Kwadwom 2:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 W’atamfo nyinaa abue wɔn anom wɔ wo so.+Wɔbɔ hwerɛma, na wɔtwɛre wɔn sẽ.+ Wɔka sɛ: “Yɛbɛmene no.+Ɛda a yɛhwɛɛ kwan no nie.+ Yɛanya! Yɛahunu!”+ Mateo 26:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 na wɔbɔɔ pɔ+ sɛ wɔnam aniteɛ kwan so bɛkye Yesu na wɔaku no.
16 W’atamfo nyinaa abue wɔn anom wɔ wo so.+Wɔbɔ hwerɛma, na wɔtwɛre wɔn sẽ.+ Wɔka sɛ: “Yɛbɛmene no.+Ɛda a yɛhwɛɛ kwan no nie.+ Yɛanya! Yɛahunu!”+