Dwom Dawid dwom. 23 Yehowa ne me Hwɛfoɔ.*+Hwee renhia me.+ 2 Ɔma meda wura frɔmfrɔm adidibea.+Ɔde me kɔ homebea a nsuo pii wɔ.+ 3 Ɔdwodwo me kra.+Ɔde me fa kwantenenee so, ne din nti.+ 4 Sɛ menam esum kabii bɔn mu+ mpo a,Mensuro bɔne biara,+Ɛfiri sɛ woka me ho;+W’abaa ne wo poma na ɛkyekyere me werɛ.+ 5 Woto me pono m’atamfo anim.+Wode ngo sra me tirim;+Me kuruwa yɛ ma bu so.+ 6 Papayɛ ne adɔeɛ nko ara na ɛbɛdi m’akyi me nkwa nna nyinaa;+Na mɛtena Yehowa fie nna pii.+