Dwom
Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ. Dawid dwom.
21 O Yehowa, w’ahoɔden mu na ɔhene di ahurisie;+
Hwɛ sɛdeɛ ɔdi ahurisie kɛse wɔ wo nkwagyeɛ nnwuma mu!+
5 Wo nkwagyeɛ nnwuma hyɛ no animuonyam kɛseɛ.+
Woma no nya anidie ne animuonyam.
8 Wo nsa bɛka w’atamfo nyinaa;
Wo nsa nifa bɛsɔ wɔn a wɔtan wo no mu.
9 Sɛ berɛ a wobɛba wɔn so no duru a, wobɛyɛ wɔn sɛ deɛ wɔato wɔn agu egya fononoo mu.
Yehowa abufuo mu na ɔbɛmene wɔn, na egya bɛhye wɔn.+
10 Wobɛtɔre wɔn mma ase afiri asaase so,
Na wobɛpepa wɔn asefoɔ afiri nnipa mma mu;
13 O Yehowa, sɔre na kyerɛ wo tumi.
Yɛbɛto ayeyi nnwom,* yɛbɛto wo kɛseyɛ ho dwom.