5 Sika, Nneɛma a Ɛyɛ Nsuonsuo ne Nneɛma Foforɔ a Wɔkarie
Asusudeɛ a yɛde ayɛ ntotoho wɔ ha no gyina Bible mu adanseɛ ne fam tutufoɔ nhwehwɛmu so. Ɛnnɛ mmerɛ mu asusudeɛ a yɛde adi dwuma wɔ fã ha no bi nnuru tete deɛ no papa na ebi nso boro so kakra. Nneɛma a ɛyɛ nsuonsuo a yɛde ayɛ ntotoho wɔ ha no gyina Amerikafoɔ asusudeɛ so.
Deɛ ɛbɛboa wo ama woahunu ɛboɔ a sika kɔkɔɔ anaa dwetɛ no som nnɛ no, hwɛ sɛdeɛ wɔde sika kɔkɔɔ gram baako gye nnɛ na fa sese gram dodoɔ a ɛwom no.
‘Kwansini.’ Hela, miʹli·on. (Mt 5:41) Ɛbɛyɛ Romafoɔ kwansini (Romafoɔ anammɔn 5,000; mita 1,479.5; Enyiresi anammɔn 4,854). Hela ntwerɛeɛ mu no, wɔbuu akwansini a ɛwɔ Lu 24:13; Yoh 6:19; 11:18 no wɔ asusudeɛ a wɔfrɛ no stadium no mu. (Romafoɔ stadium baako yɛ Romafoɔ kwansini baako mu nkyɛmu 8 anaa Romafoɔ anammɔn 625; mita 185; Enyiresi anammɔn 606.75.) Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ yi mu no, yɛabu stadium no wɔ akwansini mu wɔ Lu 24:13; Yoh 6:19; 11:18, na kwansini biara yɛ anammɔn 5,280. Enti Lu 24:13 sei no, wɔakyerɛ sɛ “stadium aduosia” yɛ “bɛyɛ akwansini nson” (bɛyɛ kilomita 11 anaa Romafoɔ akwansini 7.5).
SƐDEƐ WƆKARI SIKA WƆ HEBRI TWERƐNSƐM NO MU
Sɛdeɛ Ne Boɔ Teɛ Nnɛ
gerah 1 = dwetɛbena 1⁄20 = gram 0.57 = oz t 0.01835
bekah 1 (dwetɛbena fã) = gerah 10 = gram 5.7 = oz t 0.1835
dwetɛbena 1 = bekah 2 = gram 11.4 = oz t 0.367
bɛnnaa 1 = nnwetɛbona 50 = gram 570 = oz t 18.35
dwetikɛseɛ 1 = mmɛnnaa 60 = kilogram 34.2 = oz t 1101
darik (Persiafoɔ sika kɔkɔɔ) 1 = gram 8.4 = oz t 0.27
darik (Persiafoɔ dwetɛ sika)
(wɔsan frɛ no dwetɛbena) 1 = gram 5.60 = oz t 0.18
SƐDEƐ WƆKARI HELAFOƆ NE ROMAFOƆ SIKA WƆ HELA TWERƐNSƐM MU
Sɛdeɛ Ne Boɔ Teɛ Nnɛ
lepta 1 (Yudafoɔ kɔbere
anaa kɔbere mfrafraeɛ) = quadran 1⁄2
quadran 1 (Romafoɔ kɔbere
anaa kɔbere mfrafraeɛ) = lepta 2
assarion 1 (Romafoɔ ne wɔn
mantam no mu kɔbere anaa
kɔbere mfrafraeɛ) = quadran 4
denare 1 (Romafoɔ dwetɛ) = assarion 16 = gram 3.85 = oz t 0.124
drakma 1 (Helafoɔ dwetɛ) = gram 3.40 = oz t 0.109
drakmanu 1 (Helafoɔ dwetɛ) = drakma 2 = gram 6.80 = oz t 0.218
drakmanan 1 (dwetɛ sika bi) = drakma 4 = gram 13.6 = oz 0.436
bɛnnaa 1 = drakma 100 = gram 340 = oz t 10.9
dwetikɛseɛ 1
(sika kɔkɔɔ anaa dwetɛ) = mmɛnnaa 60 = kilogram 20.4 = oz t 654
NNEƐMA A ƐYƐ NSUONSUO NKARIIƐ
toa 1 = kab 1⁄4 = lita 0.31 = pt (U.S.) 0.66
kab 1 = ntoa 4 = lita 1.22 = pt (U.S.) 2.58
hin 1 = kab 3 = lita 3.67 = pt (U.S.) 7.75
bat 1 = hin 6 = lita 22 = galɔn 5.81 (U.S.)
1 kora = bat 10 = lita 220 = galɔn 58.1 (U.S.)
NNEƐMA A ƐNYƐ NSUONSUO NKARIIƐ
kab 1 = ntoa 4 = lita 1.22 = pt (U.S. nneɛma a ɛnyɛ nsuonsuo) 2.2
omer 1 = kab 1 4⁄5 = lita 2.2 = qt (U.S. nneɛma a ɛnyɛ nsuonsuo) 2
susukora 1 = omer 3 1⁄3 = lita 7.33 = qt (U.S. nneɛma a ɛnyɛ nsuonsuo) 6.66
efa 1 = susukoraa 3 = lita 22 = qt (U.S. nneɛma a ɛnyɛ nsuonsuo) 20
homar (kor) 1 = efa 10 = lita 220 = qt (U.S. nneɛma a ɛnyɛ nsuonsuo) 200
BIRIBI TENTEN, NE TƐTRƐTƐ, NE EMUDƆ
nsateaa ano 1 = nsayam 1⁄4 = sɛntimita 1.85 = nsateakwaa 0.72
nsayam 1 = nsateaa ano 4 = sɛntimita7.4 = nsateakwaa 2.9
basafa 1 = nsayam 6 = sɛntimita 44.5 = nsateakwaa 17.5.
basafa tentenb 1 = nsateaa 7 = sɛntimita 51.8 = nsateakwaa 20.4
demmire 1 = basafa 6 = mita 2.67 = anammɔn 8.75
demmire tenten 1 = basafa tenten 6 = mita 3.11 = anammɔn 10.2
abasam 1 = mita 1.8 = anammɔn 6
[Aseɛ hɔ nsɛm]
a Ɛsan yɛ nkariiɛ ma nneɛma a ɛnyɛ nsuonsuo, na ɛne homar no yɛ pɛ.