Yohane
6 Yeinom akyi no, Yesu siim kɔɔ Galilea, anaa Tiberia, po* no agya.+ 2 Na nnipakuo kɛseɛ bi kɔɔ so dii n’akyi, nsɛnkyerɛnne a wɔhunuu sɛ ɔreyɛ no wɔn a wɔyareɛ ho nti.+ 3 Enti Yesu kɔɔ bepɔ bi so,+ na ɔne n’asuafoɔ no kɔtenaa hɔ. 4 Saa berɛ no na twam no,+ Yudafoɔ afahyɛ no, abɛn. 5 Berɛ a afei Yesu maa n’ani so hunuu sɛ nnipakuo kɛseɛ bi reba ne nkyɛn no, ɔbisaa Filipo sɛ: “Ɛhe na yɛbɛtɔ paanoo ama nnipa yi adie?”+ 6 Nanso ɔkaa yei de sɔɔ no hwɛeɛ, ɛfiri sɛ na ɔno ara nim deɛ ɔrebɛyɛ. 7 Filipo buaa no sɛ: “Paanoo denare ahanu rensõ sɛ obiara bɛnya kakraa bi mpo.”+ 8 N’asuafoɔ no baako, Andrea, Simon Petro nua no, ka kyerɛɛ no sɛ: 9 “Abarimaa bi wɔ ha a ɔwɔ atokoɔ paanoo+ nnum ne mpataa nketewa mmienu. Nanso yei bɛyɛ nnipa bebrebe yi dɛn?”+
10 Yesu kaa sɛ: “Momma nnipa no ntenatena ase sɛdeɛ wɔyɛ no adidiiɛ.”+ Na serɛ pii nso wɔ hɔ. Enti mmarima a wɔn dodoɔ bɛyɛ mpemnum no tenatenaa ase.+ 11 Ɛnna Yesu faa paanoo no, na ɔdaa ase no, ɔkyɛ maa wɔn a wɔtete hɔ no; saa ara nso na mpataa nketewa no, ɔmaa wɔn dodoɔ a wɔpɛ.+ 12 Afei berɛ a wɔmeemeeɛ+ no, ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: “Mommoaboa deɛ aka aseɛ no ano na biribiara ansɛe kwa.” 13 Enti wɔboaboaa ano, na atokoɔ paanoo a wɔn a wɔdiiɛ no gyaa no aseɛ no yɛɛ nkɛntɛn dumienu mãmã.+
14 Afei berɛ a nnipa no hunuu sɛnkyerɛnne a ɔyɛeɛ no, wɔfirii aseɛ kaa sɛ: “Nokwasɛm nie, odiyifoɔ+ a ɔreba wiase no nie.” 15 Enti berɛ a Yesu hunuu sɛ wɔpɛ sɛ wɔkye no yɛ no ɔhene no, ɔtwee+ ne ho, na ɔno nko ara kɔhyɛɛ bepɔ no so bio.
16 Enwunu dwoeɛ no, n’asuafoɔ no kɔɔ mpoano,+ 17 na wɔforo tenaa kodoɔ bi mu sɛ wɔretwa po no akɔ Kapernaum. Saa berɛ no na esum aba nanso na Yesu mmaa wɔn nkyɛn. 18 Afei mframa kɛseɛ bɔ maa ɛpo no huruiɛ.+ 19 Afei berɛ a wɔharee bɛyɛ akwansini mmiɛnsa anaa nnan no, wɔhunuu sɛ Yesu nam po no so rebɛn kodoɔ no; na wɔsuroeɛ.+ 20 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛyɛ me a; monnsuro!”+ 21 Afei deɛ na wɔpɛ sɛ ɔbɛtena kodoɔ no mu, na ankyɛ koraa na kodoɔ no duruu asase a wɔrekɔ soɔ no so.+
22 Adeɛ kyeeɛ no, nnipakuo a na wɔgyina ɛpo no agya no hunuu sɛ kodoɔ biara nni hɔ gye ketewa baako bi, nanso Yesu anka n’asuafoɔ no ho antena kodoɔ no mu, na asuafoɔ no nko ara na wɔkɔeɛ; 23 nanso akodoɔ firi Tiberia baa baabi a Awurade daa ase maa wɔdii paanoo no nkyɛn baabi. 24 Enti berɛ a nnipakuo no hunuu sɛ Yesu ne n’asuafoɔ no mu biara nni hɔ no, wɔkɔtenatenaa wɔn akodoɔ nketewa mu baa Kapernaum bɛhwehwɛɛ+ Yesu.
25 Na berɛ a wɔhunuu no ɛpo no agya no, wɔbisaa no sɛ: “Rabi,+ berɛ bɛn na wobaa ha?” 26 Yesu bua see wɔn sɛ: “Nokorɛ, nokorɛ, mese mo sɛ ɛnyɛ nsɛnkyerɛnne a mohunuiɛ nti na morehwehwɛ me, na mmom paanoo no a modi meeɛ ntira.+ 27 Monnyɛ aduane a ɛsɛeɛ ho adwuma,+ na mmom monyɛ aduane a ɛtena hɔ de kɔ daa nkwa+ mu a onipa Ba no de bɛma mo no ho adwuma; na ɔno na Agya no, Onyankopɔn no ara, de ne nsɔano agye no atom.”+
28 Enti wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛdeɛn na yɛnyɛ na yɛayɛ Onyankopɔn nnwuma?” 29 Yesu bua see wɔn sɛ: “Yei ne Onyankopɔn adwuma sɛ mobɛgye deɛ Onii no somaa no+ no adie.”+ 30 Enti wɔbisaa no sɛ: “Ɛnneɛ ɛdeɛn sɛnkyerɛnne na wobɛyɛ+ na yɛahunu na yɛagye wo adi? Adwuma bɛn na woreyɛ? 31 Yɛn agyanom dii mana+ wɔ serɛ so sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ, ‘Ɔmaa wɔn paanoo firi soro diiɛ.’”+ 32 Enti Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nokorɛ, nokorɛ, mese mo sɛ, ɛnyɛ Mose na ɔmaa mo paanoo a ɛfiri soro no, na mmom m’Agya na ɔma mo nokorɛ paanoo a ɛfiri soro no.+ 33 Na Onyankopɔn paanoo ne deɛ ɔsiane firi soro na ɔma wiase nkwa no.” 34 Enti wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, ma yɛn paanoo yi bi daa.”+
35 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mene nkwa paanoo no. Deɛ ɔba me nkyɛn no, ɛkɔm renne no da, na deɛ ɔgye me die no, sukɔm renne no da.+ 36 Nanso maka akyerɛ mo sɛ, moahu me nso monnye nni ara.+ 37 Biribiara a Agya no de ma me no bɛba me nkyɛn, na deɛ ɔba me nkyɛn no, merempamo no da;+ 38 ɛfiri sɛ mefiri soro+ aba sɛ merebɛyɛ deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ, ɛnyɛ me ara m’apɛdeɛ.+ 39 Deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ ne sɛ meremma deɛ ɔde ama me no mu biara nyera, na mmom sɛ mɛnyane+ no da a ɛdi akyire no. 40 Na m’Agya no apɛdeɛ ne sɛ obiara a ɔhunu Ɔba no na ɔgye no die no bɛnya daa nkwa,+ na mɛnyane no da a ɛdi akyire no.”+
41 Afei Yudafoɔ no firii aseɛ nwiinwii sɛ waka sɛ: “Mene paanoo a ɛsiane firii soro no”;+ 42 na wɔfirii aseɛ kaa sɛ:+ “Ɛnyɛ Yesu, Yosef ba+ a yɛnim ne papa ne ne maame no nie? Ɛyɛɛ dɛn na seesei ɔka sɛ, ‘Mefiri soro na ɛbaeɛ’?” 43 Yesu bua see wɔn sɛ: “Monnyae anwiinwii. 44 Obiara ntumi mma me nkyɛn gye sɛ Agya a ɔsomaa me no twe no;+ na mɛnyane no ɛda a ɛdi akyire no.+ 45 Wɔatwerɛ no Adiyifoɔ no mu sɛ, ‘Yehowa bɛkyerɛkyerɛ wɔn nyinaa.’+ Obiara a wate afiri Agya no nkyɛn na wasua no ba me nkyɛn.+ 46 Ɛnyɛ sɛ obi ahunu Agya no,+ gye deɛ ɔfiri Onyankopɔn hɔ no; oyi na wahunu Agya no.+ 47 Nokorɛ, nokorɛ, mese mo sɛ, Deɛ ɔgye die no wɔ daa nkwa.+
48 “Mene nkwa paanoo+ no. 49 Mo agyanom dii mana+ wɔ serɛ so nanso wɔwuwuiɛ. 50 Yei ne paanoo a ɛsiane firi soro no, sɛ obiara nni bi na wanwu. 51 Mene paanoo a ɛte ase a ɛsiane firii soro baeɛ no; sɛ obi di paanoo yi bi a, ɔbɛtena ase daa; na nokorɛm no, paanoo a mede bɛma no ne me honam+ ɛsiane wiase nkwa nti.”+
52 Ɛnna Yudafoɔ no firii aseɛ kasakasaa wɔn mu sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na onipa yi atumi de ne honam ama yɛn adi?” 53 Enti Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nokorɛ, nokorɛ, mese mo sɛ, sɛ moanni onipa Ba no honam+ annom ne mogya+ a, monni nkwa+ wɔ mo mu. 54 Deɛ ɔdi me honam nom me mogya no wɔ daa nkwa, na mɛnyane+ no da a ɛdi akyire no; 55 na me honam yɛ aduane ankasa, na me mogya nso yɛ anonneɛ ankasa. 56 Deɛ ɔdi me honam na ɔnom me mogya no wɔ me mu, na me nso mewɔ ne mu.+ 57 Sɛdeɛ Agya a ɔte aseɛ+ no somaa me na Agya no nti na mete aseɛ no, saa ara na deɛ ɔdi me honam no, me nti ɔno nso bɛtena aseɛ.+ 58 Yei ne paanoo a ɛsiane firii soro baeɛ no. Ɛnte sɛ deɛ mo agyanom diiɛ nanso wɔwuwuiɛ no. Deɛ ɔdi paanoo yi bɛtena ase daa.”+ 59 Ɔkaa yeinom berɛ a ɔrekyerɛkyerɛ wɔ badwa bi ase wɔ Kapernaum no.
60 Enti berɛ a n’asuafoɔ no mu pii tee yei no, wɔkaa sɛ: “Asɛm yi ano yɛ den; hwan na ɔbɛtumi atie?”+ 61 Nanso ɛsiane sɛ na Yesu nim wɔ ne mu sɛ n’asuafoɔ no renwiinwii yei ho nti, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Yei to mo suntidua+ anaa? 62 Na sɛ mohunu onipa Ba no sɛ ɔreforo akɔ baabi a na ɔwɔ kane no nso ɛ?+ 63 Honhom na ɛma nkwa;+ honam deɛ, ɛnka hwee koraa. Nsɛm a maka akyerɛ mo no yɛ honhom+ ne nkwa.+ 64 Nanso mo mu bi nnye nni.” Asɛm no ne sɛ ɛfiri mfitiaseɛ no na Yesu nim wɔn a wɔnnye nnie ne deɛ na ɔbɛyi no ama.+ 65 Enti ɔtoaa so kaa sɛ: “Yei nti na maka akyerɛ mo sɛ, obiara ntumi mma me nkyɛn gye sɛ Agya no ama no kwan.”+
66 Yei nti n’asuafoɔ no mu bebree san kɔɔ nneɛma a ɛwɔ akyire+ no ho, na wɔne no annante bio.+ 67 Enti Yesu bisaa dumienu no sɛ: “Mo nso mopɛ sɛ mokɔ anaa?” 68 Simon Petro+ buaa no sɛ: “Awurade, hwan nkyɛn na yɛnkɔ?+ Wo na wowɔ daa nkwa nsɛm;+ 69 na yɛagye adi na yɛabɛhunu sɛ wone Ɔkronkronni a ɔfiri Onyankopɔn hɔ.”+ 70 Yesu buaa wɔn sɛ: “Ɛnyɛ me na meyii mo nnipa dumienu yi?+ Nanso mo mu baako yɛ otwirifoɔ.”+ 71 Deɛ na ɔreka ne ho asɛm ara ne Yuda, Simon Iskariot ba no; ɛwom sɛ na ɔyɛ dumienu no mu baako deɛ, nanso na ɔrebɛyi no ama.+