Yohane
11 Ná ɔyarefoɔ bi wɔ hɔ a ɔde Lasaro a ɔfiri Betania, akuraa a na Maria ne ne nuabaa Marta+ fire no. 2 Na ɛyɛ Maria a ɔde ngo hwamhwam sraa Awurade+ na ɔde ne tiri nwi pepaa ne nan ase+ no na ne nua Lasaro yareɛ. 3 Enti ne nua mmaa no too no nkra sɛ: “Awurade, hwɛ! deɛ wopɛ n’asɛm+ no yare.” 4 Nanso berɛ a Yesu teeɛ no, ɔkaa sɛ: “Saa yareɛ yi nyɛ owuyareɛ, na mmom Onyankopɔn animuonyam ntira,+ deɛ ɛbɛyɛ na wɔnam so ahyɛ Onyankopɔn Ba no animuonyam.”
5 Na Yesu dɔ Marta ne ne nuabaa ne Lasaro. 6 Nanso berɛ a ɔtee sɛ ɔyareɛ no, ɔtenaa faako a ɔwɔ hɔ ara nnanu. 7 Afei yei akyi no, ɔka kyerɛɛ asuafoɔ no sɛ: “Momma yɛnkɔ Yudea bio.” 8 Asuafoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Rabi,+ nnaano yi ara na Yudafoɔ no pɛɛ sɛ wɔsi wo aboɔ,+ ɛnna worekɔ hɔ bio yi?” 9 Yesu buaa sɛ: “Ɛnyɛ nnɔnhwere dumienu na ɛwɔ adekyeeɛ mu? Sɛ obi nante awiaberɛ+ a, ɔnsunti hwee, ɛfiri sɛ ɔhunu wiase hann. 10 Nanso sɛ obi nante anadwo+ a, ɔsunti, ɛfiri sɛ ɔnni hann mu.”
11 Ɔkaa yeinom, na ɛno akyi no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Yɛn adamfo Lasaro ada, na merekɔ hɔ akɔnyane no.”+ 12 Ɛnna asuafoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, sɛ wada deɛ a, ɛnneɛ ne ho bɛyɛ no den.” 13 Yesu deɛ, na ne wuo ho asɛm na ɔreka. Nanso wɔsusuu sɛ ɔreka nna ho asɛm. 14 Enti afei deɛ, Yesu ka kyerɛɛ wɔn pen sɛ: “Lasaro awu,+ 15 na mo nti ɛyɛ me anigye sɛ na menni hɔ, na ama moagye adi. Nanso momma yɛnkɔ ne nkyɛn.” 16 Enti Toma a na wɔfrɛ no Ata no ka kyerɛɛ ne mfɛfoɔ asuafoɔ no sɛ: “Momma yɛn nso yɛnkɔ na yɛne no nkɔwu.”+
17 Berɛ a afei Yesu duruu hɔ no, ɔhunuu sɛ na wadi nnanan dada wɔ ɛda mu.+ 18 Na Betania bɛn Yerusalem, bɛyɛ akwansini mmienu. 19 Enti na Yudafoɔ bebree aba Marta ne Maria nkyɛn rebɛkyekyere wɔn werɛ,+ wɔn nua no nti. 20 Afei Marta tee sɛ Yesu reba no, ɔkɔhyiaa no; na Maria+ deɛ, ɔtenaa fie. 21 Ɛnna Marta ka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Awurade, sɛ wowɔ ha a, anka me nua no anwu.+ 22 Na seesei mpo, menim sɛ adeɛ biara a wobɛbisa Onyankopɔn no,+ Onyankopɔn de bɛma wo.” 23 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo nua no bɛsɔre.”+ 24 Marta ka kyerɛɛ no sɛ: “Menim sɛ owusɔreɛ+ mu, da a ɛtwa toɔ no, ɔbɛsɔre.” 25 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Mene owusɔreɛ ne nkwa.+ Obiara a ɔnya me mu gyidie no, sɛ ɔwu mpo a, ɔbɛba nkwa mu;+ 26 na obiara a ɔte aseɛ a ɔnya me mu gyidie no renwu da.+ Wogye yei di?” 27 Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Aane, Awurade; megye di sɛ wone Kristo, Onyankopɔn Ba a ɔreba wiase no.”+ 28 Ɔkaa yei wieeɛ no, ɔkɔfrɛɛ ne nua Maria kokoam ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ+ no aba na ɔrefrɛ wo.” 29 Ɔno nso teeɛ no, ɔsɔree ntɛm siim kɔɔ ne nkyɛn.
30 Nanso saa berɛ no nyinaa na Yesu nnya nhyɛnee kuro no mu, na mmom na ɔda so wɔ baabi a Marta bɛhyiaa no no. 31 Afei berɛ a Yudafoɔ a na wɔne Maria wɔ fie+ hɔ rekyekyere ne werɛ no hunuu sɛ wasɔre ntɛm afiri adie no, wɔdii n’akyi susuu sɛ ɔrekɔ ɛda+ no so akɔsu. 32 Enti berɛ a Maria duruu baabi a Yesu wɔ na n’ani bɔɔ ne soɔ no, ɔhwee ne nan ase ka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, sɛ wowɔ ha a, anka me nua no anwu.”+ 33 Berɛ a afei Yesu hunuu sɛ ɔresu na Yudafoɔ a wɔkaa ne ho baeɛ no nso resu no, ɔsii apini na ne ho yeraa no;+ 34 na ɔkaa sɛ: “Ɛhe na mode no toeɛ?” Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, bra bɛhwɛ.” 35 Yesu suiɛ.+ 36 Ɛnna Yudafoɔ no firii aseɛ kaa sɛ: “Monhwɛ sɛdeɛ na ɔpɛ n’asɛm!”+ 37 Nanso wɔn mu bi kaa sɛ: “Onipa yi a ɔbuee onifirani no ani+ yi, enti wantumi anhwɛ ama oyi awu?”
38 Afei berɛ a Yesu sii apini wɔ ne mu bio no, ɔbaa ɛda no so.+ Na ɛyɛ ɔbodan, na na ɛboɔ+ twere ano. 39 Yesu kaa sɛ: “Monyi boɔ+ no.” Marta a ne nua aka baabi no ka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, sɛsɛɛ deɛ, wabɔn, ɛfiri sɛ adi nnanan.” 40 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Manka ankyerɛ wo sɛ wogye di a, wobɛhunu Onyankopɔn animuonyam?”+ 41 Ɛnna wɔyii boɔ no hɔ. Afei Yesu maa n’ani so kyerɛɛ soro+ kaa sɛ: “Agya, meda wo ase sɛ woatie me.+ 42 Nokorɛm nie, menim sɛ wotie me daa; nanso nnipakuo+ a wɔgyinagyina ha no nti na mekasaeɛ na ama wɔagye adi sɛ wo na wosomaa me.”+ 43 Ɔkaa saa no, ɔde nne kɛseɛ teaam sɛ: “Lasaro, firi bra!”+ 44 Afei ɔbarima a wawuo no pue baeɛ a wɔde ntoma+ akyekyere ne nan ne ne nsa, na na wɔde ntoma bi akyekyere n’anim. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monsane no na momma no nkɔ.”
45 Enti Yudafoɔ a na wɔaba Maria nkyɛn a wɔhunuu deɛ Yesu yɛeɛ no mu bebree gyee no diiɛ;+ 46 nanso wɔn mu bi kɔɔ Farisifoɔ no hɔ kɔkaa deɛ Yesu yɛeɛ no kyerɛɛ wɔn.+ 47 Ɛnna asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Farisifoɔ no boaa Sanhedrin+ no ano ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛdeɛn na yɛnyɛ, ɛfiri sɛ onipa yi yɛ nsɛnkyerɛnne bebree?+ 48 Sɛ yɛgyaa no saa a, wɔn nyinaa bɛgye no adi,+ na Romafoɔ+ no bɛba abɛfa yɛn ha+ ne yɛn man nyinaa.” 49 Nanso wɔn mu baako, Kaiafa, a na ɔyɛ ɔsɔfo panin saa afe no,+ ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monnim hwee koraa, 50 na monnwene nso sɛ ɛyɛ ma mo sɛ onipa baako bɛwu+ ama ɔmanfoɔ na ɔman mũ no nyinaa ansɛe.”+ 51 Nanso ɛmfiri ɔno ara ne tirim na ɔkaa yei; na mmom ɛsiane sɛ na ɔyɛ ɔsɔfo panin saa afe no nti, ɔhyɛɛ nkɔm sɛ ɛtwa sɛ Yesu wu ma ɔman no, 52 na ɛnyɛ ɔman no nko, na mmom sɛdeɛ ɛbɛyɛ na Onyankopɔn bɛka ne mma a wɔabɔ wɔn apete+ no abom ayɛ wɔn baako.+ 53 Enti ɛfiri saa da no ara wɔbɔɔ pɔ sɛ wɔbɛku no.+
54 Enti afei Yesu annante badwam+ bio wɔ Yudafoɔ no mu,+ na ɔfirii hɔ kɔɔ asase a ɛbɛn serɛ so, kuro bi a wɔfrɛ no Efraim+ mu, na ɔne n’asuafoɔ no tenaa hɔ. 55 Saa berɛ no na Yudafoɔ twam+ no abɛn, na nnipa bebree firi nkuraaseɛ baa Yerusalem ansa na twam afahyɛ no reduru so sɛdeɛ wɔbɛdwira wɔn ho.+ 56 Ɛnna wɔkyini hwehwɛɛ Yesu, na berɛ a wɔgyinagyina asɔrefie hɔ no, wɔka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Mo adwene ne sɛn? Ɔremma afahyɛ no ase koraa anaa?” 57 Na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Farisifoɔ no ahyɛ sɛ obi hunu baabi a ɔwɔ a, ɔmmɛbɔ wɔn amanneɛ na wɔnkɔkye no.