2 Berɛsosɛm
3 Na Solomon firii aseɛ sii Yehowa fie+ no wɔ Yerusalem, Bepɔ Moria+ so, baabi a Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ ne papa Dawid,+ bea a Dawid siesiee no Yebusini Ornan ayuporobea+ hɔ no. 2 Ɔfirii aseɛ sii fie no n’ahennie afe a ɛtɔ so nnan mu, bosome a ɛtɔ so mmienu no da a ɛtɔ so mmienu no.+ 3 Yei ne fapem a Solomon to maa nokorɛ Nyankopɔn fie no: Sɛdeɛ kane na wɔsusu nneɛma no, ne ntwemu yɛ basafa aduosia, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa aduonu.+ 4 Abantenten+ a ɛwɔ fie no anim no, ne ntwemu yɛ basafa aduonu, na ne tenten yɛ basafa ɔha aduonu; ɔde sika amapa duraa emu nyinaa. 5 Na ɛdan kɛseɛ+ no, ɔde popaw nnua sam mu na ɔde sika pa+ duraa ho; afei nso ɔyiyii mmedua+ ne ntweaban+ nsamaa wɔ so. 6 Bio nso, ɔde aboɔden aboɔ duraa fie no ho maa no yɛɛ fɛ;+ ná sika+ no firi sika kurom. 7 Ɔde sika+ duraa fie no ne ne mpuna ne n’aboboano, ne n’afasuo ne n’apono ho, na ɔyiyii kerubim nsamaa wɔ afasuo no ho.+
8 Ɔyɛɛ Kronkron mu Kronkronbea+ no nso; ne ntwemu ne fie no tɛtrɛtɛ yɛ pɛ: basafa aduonu, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa aduonu.+ Ɔde sika pa a ne dodoɔ si dwetikɛseɛ ahansia na ɛduraa mu. 9 Nnadewa+ no mu duro yɛ sika nnwetɛbena aduonum; ɔde sika duraa abansoro adan no nso ho.
10 Ɛnna ɔsenee kerubim mmienu+ sisii Kronkron mu Kronkronbea dan no mu, na ɔde sika duraa ho.+ 11 Na kerubim no, wɔn ntaban+ tenten yɛ basafa aduonu; ntaban no baako tenten yɛ basafa nnum, na ɛka ɛdan no fasuo; ntaban no baako nso tenten yɛ basafa nnum, na ɛka kerubim baako no ataban.+ 12 Kerubim baako no nso ataban tenten yɛ basafa nnum, na ɛka ɛdan no fasuo; ntaban no baako nso tenten yɛ basafa nnum, na ɛka kerubim baako no ataban.+ 13 Kerubim no ntaban a wɔatrɛtrɛ mu no tenten yɛ basafa aduonu; wɔgyinagyina wɔn nan so, na wɔn anim kyerɛ ɛdan kɛseɛ no.
14 Afei nso ɔde ahoma bruu+ ne deɛ ɛbere dum, tankɔkɔɔ ne nwera pa yɛɛ ntwamutam+ na ɔnwenee kerubim wɔ mu.+
15 Afei ɔyɛɛ adum+ mmienu wɔ asɔrefie no anim; ne tenten yɛ basafa aduasa nnum, na ntaasoɔ+ a ɛwɔ emu biara soɔ no tenten yɛ basafa nnum. 16 Ɛnna ɔyeyɛɛ kɔnmuadeɛ ntweaban+ de totoo adum no soɔ, na ɔyeyɛɛ biribi te sɛ granate akutuo+ ɔha de guu ntweaban no so. 17 Na ɔde adum no sisii asɔredan no anim; baako si nifa na baako nso si benkum, na ɔfrɛɛ nifa deɛ no Yakin, na ɔfrɛɛ benkum deɛ no Boas.+