2 Berɛsosɛm
4 Afei ɔyɛɛ kɔbere afɔrebukyia+ no; ne ntwemu yɛ basafa aduonu, ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa aduonu, na ne tenten yɛ basafa du.+
2 Ɔyɛɛ ɛpo a wɔaguo*+ no nso; ɛfiri ano kɔsi ano yɛ basafa du. Ano yɛ kurukuruwa hyia, na ne tenten yɛ basafa nnum. Basafa aduasa homa na ɛtwa ho hyia.+ 3 Ɔyɛɛ biribi te sɛ aduaba agudeɛ nkuruwankuruwa+ bi wɔ aseɛ nyinaa hyiaeɛ; edu wɔ basafa baako biara mu, na atwa po no nyinaa ho ahyia.+ Aduaba agudeɛ nkuruwankuruwa no sesã so nhankra mmienu, na wɔguu ɛno ne ɛpo no nyinaa prɛko. 4 Ɔde taa anantwie dumienu akyi;+ mmiɛnsa ani kyerɛ atifi fam, mmiɛnsa ani kyerɛ atɔeɛ fam, mmiɛnsa ani kyerɛ anafoɔ fam, na mmiɛnsa ani kyerɛ apueeɛ fam, na ɛpo no taa wɔn so, na wɔn akyi nyinaa hyehyɛ aseɛ.+ 5 Ne pipiripie te sɛ nsayam; ɔyɛɛ ano te sɛ kuruwa ano, te sɛ sukooko nhwiren a apaeɛ.+ Bat+ susuhina mpem mmiɛnsa na ɛtumi fa.+
6 Afei nso ɔyeyɛɛ asɛn du. Ɔde nnum sisii nifa so, na ɔde nnum nso sisii benkum so+ sɛ wɔmfa nhohoro+ ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ+ ho. Ɛpo no deɛ, ɛwɔ hɔ ma asɔfoɔ no sɛ wɔmfa nhohoro wɔn ho.+
7 Ɔyɛɛ sika nkaneadua+ du a ne nyinaa yɛ pɛ,+ na ɔde sisii asɔrefie hɔ; nnum wɔ nifa so, na nnum nso wɔ benkum so.+
8 Bio nso ɔyɛɛ apono du, na ɔde sisii asɔrefie hɔ; nnum wɔ nifa so, na nnum nso wɔ benkum so,+ na ɔyɛɛ sika nyaawa ɔha.
9 Ɔyɛɛ asɔfoɔ+ no adihɔ+ ne adihɔ kɛseɛ+ no ne n’apono, na ɔde kɔbere duraa apono no ho. 10 Ɔde ɛpo no sii nifa so, apueeɛ fam de rekɔ anafoɔ.+
11 Na Hiram yɛɛ adeɛ a wɔde sesa nsõ+ ne sofi+ ne nyaawa+ no.
Enti Hiram wiee adwuma a ɔyɛ maa Ɔhene Solomon wɔ nokorɛ Nyankopɔn fie no ho no: 12 Adum+ mmienu ne ntaasoɔ+ nkuruwankuruwa a ɛwɔ adum mmienu no soɔ, ne atena+ mmienu a ɛkata adum no so ntaasoɔ nkuruwankuruwa mmienu no ho, 13 ne atena mmienu no ho granate akutuo+ ahanan no, ne atena no biara ho granate akutuo a ɛsesã so nhankra mmienu a wɔde akata adum+ no so ntaasoɔ nkuruwankuruwa no ho, 14 ne nsutwe nnaka+ du ne asɛn+ du a ɛsisi nsutwe nnaka no soɔ; 15 ne ɛpo no+ ne anantwie dumienu a ɛsi wɔn akyi+ no, 16 ne adeɛ a wɔde sesa nsõ ne sofi+ ne adinam+ ne ɛho nneɛma+ nyinaa. Yeinom nyinaa Hiram-Abif+ yɛ maa Ɔhene Solomon wɔ Yehowa fie no ho; ɔde kɔbere a wɔabere ho na ɛyɛeɛ. 17 Yordan Mantam mu na ɔhene guu nneɛma yi; ɔguu no dɔteɛ a ɛsɔ mu wɔ Sukot+ ne Sereda+ ntam. 18 Solomon yɛɛ saa nneɛma yi pii pa, na wɔammu kɔbere no dodoɔ ano.+
19 Na Solomon yeyɛɛ nokorɛ Nyankopɔn fie hɔ anwenneɛ+ no nyinaa ne sika afɔrebukyia+ ne apono+ a wɔbɛhyehyɛ paanoo wɔ soɔ, 20 ne nkaneadua+ no ne ɛho sika amapa nkanea+ a wɔbɛsɔ no pia mu pia+ no anim sɛdeɛ mmara no kyerɛ no; 21 ɛne nhwiren ne nkanea ne afagya+ a wɔde sika yeyɛeɛ, (sika amapa na wɔde yɛeɛ,) 22 ne adumgya ne nyaawa ne nkuruwa ne egya nkukuwa a wɔde sika amapa+ yeyɛeɛ; efie no akwan,+ Kronkron mu Kronkronbea apono ne asɔrefie no apono+ a wɔde sika yeyɛeɛ no nyinaa.