Luka
24 Na nnawɔtwe no da a ɛdi kan no, wɔde ohwam a wɔasiesie no yɛɛ ntɛm kɔɔ ɛda no so.+ 2 Nanso wɔhunuu sɛ wɔamuni boɔ no afiri ɛda no ano,+ 3 na berɛ a wɔkɔɔ mu no, wɔanhunu Awurade Yesu amu no.+ 4 Berɛ a wɔn tirim ayɛ wɔn kesenenee no, hwɛ! mmarima mmienu a wɔhyehyɛ ntadeɛ hyɛnn bɛgyinaa wɔn nkyɛn.+ 5 Berɛ a ehu aka mmaa no na wɔasisi wɔn tiri aseɛ no, mmarima no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Adɛn nti na morehwehwɛ Deɛ ɔte aseɛ no wɔ awufoɔ mu? 6 [[Ɔnni ha, na mmom wɔanyane no.]]+ Monkae deɛ ɔka kyerɛɛ mo berɛ a na ɔda so wɔ Galilea no,+ 7 sɛ ɛtwa sɛ wɔyi onipa Ba no hyɛ abɔnefoɔ nsa na wɔbɔ no asɛndua mu na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no wasɔre.”+ 8 Enti wɔkaee ne nsɛm no,+ 9 na wɔsan firii ɛda no so de yeinom nyinaa ho amanneɛ kɔmaa dubaako no ne wɔn a aka no nyinaa.+ 10 Ná ɛyɛ Maria Magdalene, ne Yoana,+ ne Yakobo maame Maria. Afei nso, mmaa a aka+ a wɔka wɔn ho no kaa yeinom kyerɛɛ asomafoɔ no. 11 Nanso, nsɛm yi yɛɛ wɔn sɛ nsɛnhunu bi, na wɔannye mmaa no anni.+
12 [[Na Petro sɔre tuu mmirika kɔɔ ɛda no so, na ɔbɔɔ ne mu ase no, ɔhunuu nwera no nko ara. Enti ɔfirii hɔ kɔeɛ, a deɛ asie no ama ne ho adwiri no.]]
13 Na hwɛ! da no ara, na wɔn mu mmienu rekɔ Emaus a ɛyɛ akuraa bi a ɛfiri hɔ rekɔ Yerusalem bɛyɛ akwansini nson, 14 na na wɔrebɔ deɛ asie no nyinaa+ ho nkɔmmɔ.
15 Berɛ a wɔrebɔ nkɔmmɔ na wɔresusu ho no, Yesu no ara bɛtoo+ wɔn na ɔne wɔn bɔɔ anan nanteeɛ; 16 nanso wɔanhunu sɛ ɛyɛ ɔno a.+ 17 Ɔbisaa wɔn sɛ: “Ɛdeɛn asɛm na monam kwan so resusu ho yi?” Na wɔgyinaeɛ a wɔn anim ayɛ bosaa. 18 Wɔn mu baako a ne din de Kleopa bua see no sɛ: “Wo nko ara na wote Yerusalem a woyɛ ɔhɔhoɔ a enti wonnim asɛm a asi hɔ nnansa yi?” 19 Na ɔbisaa wɔn sɛ: “Asɛm bɛn?” Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Deɛ ɛfa Nasareni+ Yesu, a ɔbɛyɛɛ odiyifoɔ+ a ɔwɔ tumi wɔ nnwuma ne kasa mu wɔ Onyankopɔn ne ɔman no nyinaa anim no ho no, 20 ne sɛdeɛ yɛn asɔfoɔ mpanimfoɔ ne atumfoɔ no yii no maeɛ maa wɔbuu no kumfɔ na wɔbɔɔ no asɛndua mu no.+ 21 Nanso na yɛwɔ anidasoɔ sɛ saa ɔbarima yi na wɔayi no sɛ ɔmmɛgye Israel;+ aane, na yeinom nyinaa akyi no, ɛnnɛ ne da a ɛtɔ so mmiɛnsa a nsɛm yi sisiiɛ. 22 Bio nso, mmaa+ bi a wɔfiri yɛn mu maa yɛn ho dwirii yɛn, ɛfiri sɛ wɔyɛɛ ntɛm kɔɔ ɛda no so 23 nanso wɔanhunu n’amu no, na wɔbɛkaa sɛ abɔfoɔ yii wɔn ho adi kyerɛɛ wɔn na wɔaka sɛ ɔte ase. 24 Afei, wɔn a wɔne yɛn wɔ hɔ no binom kɔɔ ɛda+ no so; na wɔkɔhunuu sɛ ɛte saa, sɛdeɛ mmaa no bɛkaeɛ pɛpɛɛpɛ, nanso wɔanhu no.”
25 Enti ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “O mo a monni adwene na moyɛ nyaa mo akomam sɛ mobɛgye deɛ adiyifoɔ no kaeɛ nyinaa adie!+ 26 Monnim sɛ ɛhia sɛ Kristo no hunu amane+ yi nyinaa na ɔkɔ n’animuonyam mu anaa?”+ 27 Na ɔde firi Mose+ ne Adiyifoɔ+ no nyinaa so kyerɛkyerɛɛ wɔn nsɛm a ɛfa ne ho mu wɔ Twerɛnsɛm no nyinaa mu.
28 Awieeɛ koraa no, wɔbɛn akuraa a na wɔrekɔ aseɛ no, na ɔyɛɛ sɛ deɛ ɔretoa so akɔ n’anim. 29 Nanso wɔhyɛɛ no dendeenden sɛ: “Tena yɛn nkyɛn, ɛfiri sɛ ɛreyɛ aduru anwummerɛ na adeɛ anya asa.” Enti ɔkɔtenaa wɔn nkyɛn. 30 Na ɔne wɔn te adidiiɛ no ɔfaa paanoo hyiraa so bubuiɛ, na ɔfirii aseɛ de maa wɔn.+ 31 Afei wɔn ani buebuee koraa maa wɔhunuu sɛ ɛyɛ ɔno a; na ɔyera firii wɔn nkyɛn.+ 32 Na wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Berɛ a ɔne yɛn rekasa wɔ kwan so na ɔrekyerɛ Twerɛnsɛm no mu kyerɛ yɛn no, ampusu yɛn akoma anaa?” 33 Na dɔn no ara mu no, wɔsɔre san kɔɔ Yerusalem, na wɔkɔhunuu dubaako no ne wɔn a wɔka wɔn ho no sɛ wɔahyiam, 34 reka sɛ: “Ampa, wɔanyane Awurade na ɔyii ne ho adi kyerɛɛ Simon!”+ 35 Afei wɔn ara nso kaa nsɛm a ɛsii kwan so ne sɛdeɛ wɔnam paanoo bubuo so hunuu no+ no ho asɛm.
36 Na wɔreka yeinom nyinaa ho asɛm no ɔno ara bɛgyinaa wɔn mfimfini [[ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Asomdwoeɛ nka mo.”]] 37 Nanso ɛsiane sɛ na ehu aka wɔn, na wɔsuro+ nti, wɔsusuu sɛ wɔahunu honhom bi. 38 Enti ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Adɛn nti na moabotoɔ, na ɛdeɛn nti na mo akomam yɛ mo naa? 39 Monhwɛ me nsa ne me nan, na moahunu sɛ ɛyɛ me ara; momfa mo nsa nsɔ me mu+ nhwɛ, ɛfiri sɛ honhom nni honam ne nnompe+ sɛdeɛ mohunu sɛ mewɔ yi.” 40 [[Na ɔkaa yei no, ɔde ne nsa ne ne nan kyerɛɛ wɔn.]] 41 Nanso berɛ a anigyeɛ nti wɔnnye nnie+ na asɛm no yɛ wɔn nwanwa no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mowɔ aduane bi wɔ hɔ anaa?”+ 42 Na wɔmaa no apataa sini bi a wɔatõtõ;+ 43 na ɔgye dii+ wɔ wɔn anim.
44 Afei ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Yei ne me nsɛm a meka kyerɛɛ mo berɛ a na meda so ka mo ho no,+ sɛ ɛtwa sɛ deɛ wɔatwerɛ afa me ho wɔ Mose mmara ne Adiyifoɔ+ no ne Nnwom+ no mu nyinaa ba mu.” 45 Afei ɔbuee wɔn adwene mu yie maa wɔtee Twerɛnsɛm no ase,+ 46 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Saa kwan yi so na wɔatwerɛ sɛ Kristo no bɛhunu amane na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no wasɔre afiri awufoɔ mu,+ 47 na ne din so na wɔbɛgyina aka adwensakra a ɛma bɔne fafirie+ ho asɛm wɔ amanaman nyinaa mu+—wɔbɛfiri aseɛ afiri Yerusalem;+ 48 mobɛyɛ nneɛma yi ho adansefoɔ.+ 49 Na hwɛ! meresoma deɛ m’Agya ahyɛ ho bɔ no aba mo so. Mo deɛ, montena kuro no mu nkɔsi sɛ wɔbɛfiri soro ama mo tumi.”+
50 Na ɔde wɔn firii adi dii wɔn anim kɔɔ Betania, na ɔmaa ne nsa so hyiraa wɔn.+ 51 Na ɔrehyira wɔn no ɔne wɔn ntam teteeɛ na wɔmaa no so kɔɔ soro.+ 52 Na wɔkotoo no san de anigyeɛ kɛseɛ baa Yerusalem.+ 53 Na wɔtenaa asɔrefie hɔ daa hyiraa Onyankopɔn.+