13 Abraham ne Isak ne Yakob Nyankopɔn,+ yɛn agyanom Nyankopɔn ahyɛ N’akoa+ Yesu animuonyam,+ deɛ mo deɛ, moyii no maeɛ,+ na mopaa no Pilato anim, berɛ a ɔsii gyinaeɛ sɛ ɔbɛgyaa no no.+
27 Na wɔn a wɔtete Yerusalem ne wɔn sodifoɔ no anhu no,+ nanso berɛ a wɔrebu atɛn no, wɔmaa deɛ na Adiyifoɔ+ no aka a wɔkenkan no den Homeda biara no baa mu,