6 Wɔawo akɔkoaa ama yɛn,+ wɔama yɛn ɔbabarima,+ na n’ahennie bɛda ne mmatiri so.+ Na wɔbɛfrɛ ne din sɛ Ɔfotufoɔ Nwanwafoɔ,+ Onyame Tumfoɔ,+ Daa Agya,+ Asomdwoeɛ Hene.+
5 “Hwɛ, nna bi reba,” Yehowa asɛm nie, “na mɛma tenenee duforɔ bi so ama Dawid.+ Ɔhene bi bɛdi hene,+ na ɔde nyansa bɛyɛ adeɛ na wabu atɛntenenee ayɛ adetenenee asase no so.+
24 “Wɔahyɛ adapɛn aduɔson wɔ wo man+ ne wo kuro kronkron+ no ho sɛ mmarato to ntwa+ na bɔne mmra awieeɛ,+ na wɔmpata mfomsoɔ,+ na wɔmfa tenenee mmra daa,+ na wɔmfa nsɔano+ ntim anisoadehunu ne adiyifoɔ so, na wɔnsra Kronkron mu Kronkronbea hɔ.+
2 “Na wo, Betlehem Efrata,+ wo a wosua koraa sɛ wɔbɛkan wo afra Yuda mpempem mu,+ wo mu+ na mɛma obi afiri abɛyɛ Israel sodifoɔ.+ Ɔno na n’ase firi tete a ɛnni ano.+
3“Hwɛ, meresoma me bɔfoɔ+ adi m’anim abɛsiesie kwan mu.+ Na Awurade+ nokwafoɔ a morehwehwɛ no ne apam+ bɔfoɔ+ a mo ani agyina no+ no bɛba N’asɔrefie hɔ+ mpofirem. Hwɛ, ɔbɛba,” asafo Yehowa na aka.+
45 Filipo hunuu Natanael+ na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛahunu deɛ Mose twerɛɛ ne ho asɛm wɔ Mmara no mu+ a Adiyifoɔ+ no nso twerɛɛ ne ho asɛm no, Yesu, Yosef ba+ a ɔfiri Nasaret no.”
22 Nanso mmoa+ a manya no Onyankopɔn nkyɛn nti na makɔ so atena hɔ abɛduru nnɛ a meredi adanseɛ akyerɛ nketewa ne akɛseɛ nyinaa yi; menkaa hwee, gye nsɛm a Adiyifoɔ+ no ne Mose+ kaa sɛ ɛbɛba no,