11 Ɔbɛhunu ne kra amanehunu,+ na n’akoma bɛtɔ ne yam.+ M’akoa+ teneneeni no nimdeɛ nti, ɔbɛma nnipa pii anya tenenee gyinabea;+ na ɔno ara bɛsoa wɔn bɔne.+
24 “Wɔahyɛ adapɛn aduɔson wɔ wo man+ ne wo kuro kronkron+ no ho sɛ mmarato to ntwa+ na bɔne mmra awieeɛ,+ na wɔmpata mfomsoɔ,+ na wɔmfa tenenee mmra daa,+ na wɔmfa nsɔano+ ntim anisoadehunu ne adiyifoɔ so, na wɔnsra Kronkron mu Kronkronbea hɔ.+
10 Afei mehwee ne nan ase sɛ merekoto no.+ Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Hwɛ yie! Nyɛ saa!+ Meyɛ akoa ara kwa te sɛ wo ne wo nuanom a wɔkura Yesu ho adansedie adwuma mu no.+ Som Onyankopɔn;+ ɛfiri sɛ Yesu ho adansedie na ɛma wɔhyɛ nkɔm.”+