Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Yesaia 9:6
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 6 Wɔawo akɔkoaa ama yɛn,+ wɔama yɛn ɔbabarima,+ na n’ahennie bɛda ne mmatiri so.+ Na wɔbɛfrɛ ne din sɛ Ɔfotufoɔ Nwanwafoɔ,+ Onyame Tumfoɔ,+ Daa Agya,+ Asomdwoeɛ Hene.+

  • Yeremia 23:5
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 5 “Hwɛ, nna bi reba,” Yehowa asɛm nie, “na mɛma tenenee duforɔ bi so ama Dawid.+ Ɔhene bi bɛdi hene,+ na ɔde nyansa bɛyɛ adeɛ na wabu atɛntenenee ayɛ adetenenee asase no so.+

  • Yeremia 33:15
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 15 Saa nna no ne saa berɛ no, mɛma tenenee duforɔ+ bi afifi ama Dawid, na ɔbɛbu atɛntenenee ayɛ adetenenee asase no so.+

  • Hesekiel 34:23
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 23 Na mede odwanhwɛfoɔ+ baako, m’akoa Dawid,+ bɛsi wɔn so na wayɛn wɔn. Ɔno ara bɛyɛn wɔn na wayɛ wɔn hwɛfoɔ.+

  • Mika 5:2
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 2 “Na wo, Betlehem Efrata,+ wo a wosua koraa sɛ wɔbɛkan wo afra Yuda mpempem mu,+ wo mu+ na mɛma obi afiri abɛyɛ Israel sodifoɔ.+ Ɔno na n’ase firi tete a ɛnni ano.+

  • Malaki 3:1
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 3 “Hwɛ, meresoma me bɔfoɔ+ adi m’anim abɛsiesie kwan mu.+ Na Awurade+ nokwafoɔ a morehwehwɛ no ne apam+ bɔfoɔ+ a mo ani agyina no+ no bɛba N’asɔrefie hɔ+ mpofirem. Hwɛ, ɔbɛba,” asafo Yehowa na aka.+

  • Luka 24:27
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 27 Na ɔde firi Mose+ ne Adiyifoɔ+ no nyinaa so kyerɛkyerɛɛ wɔn nsɛm a ɛfa ne ho mu wɔ Twerɛnsɛm no nyinaa mu.

  • Luka 24:44
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 44 Afei ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Yei ne me nsɛm a meka kyerɛɛ mo berɛ a na meda so ka mo ho no,+ sɛ ɛtwa sɛ deɛ wɔatwerɛ afa me ho wɔ Mose mmara ne Adiyifoɔ+ no ne Nnwom+ no mu nyinaa ba mu.”

  • Romafoɔ 3:21
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 21 Nanso seesei ɛnyɛ mmara na wɔde ayi Onyankopɔn tenenee+ adie, na Mmara+ no ne Adiyifoɔ+ no dii ho adanseɛ saa;+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane