11 Ɔbɛhunu ne kra amanehunu,+ na n’akoma bɛtɔ ne yam.+ M’akoa+ teneneeni no nimdeɛ nti, ɔbɛma nnipa pii anya tenenee gyinabea;+ na ɔno ara bɛsoa wɔn bɔne.+
24 “Wɔahyɛ adapɛn aduɔson wɔ wo man+ ne wo kuro kronkron+ no ho sɛ mmarato to ntwa+ na bɔne mmra awieeɛ,+ na wɔmpata mfomsoɔ,+ na wɔmfa tenenee mmra daa,+ na wɔmfa nsɔano+ ntim anisoadehunu ne adiyifoɔ so, na wɔnsra Kronkron mu Kronkronbea hɔ.+