Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Dwom 22:atifi asɛm-31
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • Wɔde ma dwonkyerɛfo, Adekyeeɛ Foroteɛ so. Dawid dwom.

      22 Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, adɛn nti na woagya me?+

      Adɛn nti na wontie+

      Me nsɛm a mede tea mu?+

       2 O me Nyankopɔn, mefrɛ wo adekyeeɛ, nanso wommua me;+

      Na ɛduru anadwo nso a, menka m’ano ntom.+

       3 Woyɛ kronkron,+

      Na Israel ayeyie atwa wo ho ahyia.+

       4 Wo na yɛn agyanom de wɔn ho too wo soɔ;+

      Wɔde wɔn ho too wo so, na wogyee wɔn.+

       5 Wo na wɔteaam frɛɛ woɔ,+ na wogyee wɔn;+

      Wo na wɔde wɔn ho too wo soɔ, na wɔn ani anwu.+

       6 Na me deɛ, meyɛ sonsono,+ menyɛ nipa,

      Meyɛ ahohoradeɛ ma nnipa ne atantanneɛ ma aman.+

       7 Wɔn a wɔhu me nyinaa di me ho fɛ;+

      Wɔbaebae wɔn anom, na wɔwosowoso wɔn ti+ ka sɛ:

       8 “Ɔde ne ho ato Yehowa so.+ Ma No nnye no ɛ!+

      Sɛ wagye no atom ampa a, ma no nnye no nkwa!”+

       9 Wone Deɛ ɔyii me firii yafunu mu,+

      Berɛ a metua me maame nufo ano no,+ womaa menyaa ahotɔsoɔ.

      10 Mefiri yafunu+ mu na wɔde me too wo soɔ;

      Wone me Nyankopɔn firi me maame yam.+

      11 Mma me ne wo ntam nnware, ɛfiri sɛ ahohia abɛn me,+

      Na ɔboafoɔ foforɔ bi nni hɔ.+

      12 Anantwinini bebree atwa me ho ahyia;+

      Basan anantwinini ahoɔdenfoɔ atwa me ho ahyia.+

      13 Wɔabuebue wɔn anom hwɛ me+

      Sɛ gyata a ɔretete nam mu na ɔrebobom.+

      14 Wɔahwie me agu sɛ nsuo,+

      Na me nnompe nyinaa ahwinhwan.+

      M’akoma ayɛ sɛ sradeɛ;+

      Anane wɔ me mu tɔnn.+

      15 M’ahoɔden asa sɛ kyɛmferɛ,+

      Me kɛtrɛma afam me dodom;+

      Owuo mfuturo mu na wode me asie.+

      16 Nkraman atwa me ho ahyia;+

      Nnebɔneyɛfoɔ asafodɔm aka me ahyem.+

      Wɔkura me nsa ne me nan mu+ sɛ gyata.

      17 Metumi kan me nnompe nyinaa.+

      Wɔn deɛ, wɔhwɛ me, wɔhwɛ me hãã.+

      18 Wɔkyekyɛ me ngugusoɔ mu fa,+

      Na m’atadeɛ nso, wɔbɔ so ntonto.+

      19 O Yehowa, mma me ne wo ntam nnware.+

      O m’ahoɔden,+ yɛ ntɛm bɛboa me.+

      20 Gye me kra firi nkrantɛ ano;+

      Gye m’adeɛ koro no firi kraman nsam.+

      21 Gye me firi gyata anom,+

      Tie me na gye me firi ɛkoɔ mmɛn mu.+

      22 Mɛbɔ wo din+ akyerɛ me nuanom;+

      Mɛyi wo ayɛ asafo mfimfini.+

      23 Mo a mosuro Yehowa nyinaa, monyi no ayɛ!+

      Yakob asefoɔ nyinaa, monhyɛ no animuonyam!+

      Israel asefoɔ nyinaa, mo ho mpopo n’anim.+

      24 Wammu ɔmanehunufoɔ animtia,+

      Na wantan no n’amanehunu mu;+

      Wamfa n’anim anhunta no;+

      Ɔsu frɛɛ no no, ɔtieeɛ.+

      25 Deɛ woayɛ nti na mɛyi wo ayɛ asafo kɛseɛ mu;+

      Mɛtua me bɔhyɛ adeɛ wɔ wɔn a wɔsuro woɔ no anim.+

      26 Ahobrɛasefoɔ bɛdidi na wɔamee;+

      Wɔn a wɔhwehwɛ Yehowa no bɛyi no ayɛ.+

      Mo akoma nnya nkwa daa.+

      27 Asase ano nyinaa bɛkae, na wɔadane aba Yehowa nkyɛn.+

      Amanaman mmusuakuo nyinaa bɛkoto w’anim.+

      28 Yehowa na ahennie wɔ no,+

      Ɔno na ɔdi amanaman soɔ.+

      29 Asase so akɛsefoɔ nyinaa bɛdidi na wɔakoto;+

      Wɔn a wɔkɔ mfuturo mu nyinaa bɛkoto n’anim,+

      Na obiara renkora ne kra so da.+

      30 Nkyirimma bɛsom no;+

      Wɔbɛka Yehowa ho asɛm akyerɛ awoɔ ntoatoasoɔ.+

      31 Wɔbɛba na wɔabɛka ne tenenee ho asɛm+

      Akyerɛ wɔn a wɔbɛwo wɔn no sɛ ɔno na wayɛ yei.+

  • Yesaia 53:1-12
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 53 Hwan na wagye deɛ yɛateɛ no adie?+ Na hwan na wɔayi Yehowa basa+ akyerɛ no?+ 2 Ɔbɛfifi sɛ duban+ wɔ n’anim, te sɛ nhini wɔ asase kesee so. Ɔnyɛ onipa mũ biara, na ɔnni animuonyam,+ na yɛhu no a, biribiara nni ne ho a ɛbɛma ne ho ayɛ yɛn akɔnnɔ.+

      3 Nnipa buu no animtia, na wɔpoo no;+ ɔyɛ onipa a ɔhunuu yea na ɔnim yareɛ.+ Na yɛde yɛn anim huntaeɛ na n’ani antɔ yɛn anim.+ Nnipa buu no animtia, na yɛamfa no anyɛ hwee.+ 4 Nokorɛm no, ɔno na ɔsoaa yɛn nyarewa;+ ɔgyee yɛn yea hyɛɛ ne ho.+ Na yɛbuu no sɛ obi a Onyankopɔn atwe n’aso,+ wahwe no,+ na wama ne ho ahiahia no.+ 5 Nanso yɛn mmarato+ nti na wɔpiraa no,+ na yɛn mfomsoɔ nti na wɔbubuu no.+ Ɔgyee asotwe a ɛbɛma yɛanya asomdwoeɛ,+ na ɔde n’akuro+ saa yɛn yareɛ.+ 6 Yɛn nyinaa te sɛ nnwan a wɔafom kwan;+ obiara afa ne kwan. Na Yehowa ama yɛn nyinaa bɔne abɛgu ne so.+ 7 Wɔhyɛɛ no ahometeɛ,+ na ɔmaa kwan maa wɔtan n’ani,+ nanso wammue n’ano. Wɔde no kɔɔ sɛ odwan a wɔrekɔku no,+ na te sɛ odwan a wɔretwitwa ne ho nwi a wayɛ komm no, ɔno nso ammue n’ano.+

      8 Wɔhyɛɛ ne so de no kɔeɛ a wannya atemmuo;+ na hwan na ɔbɛha ne ho sɛ ɔbɛhunu n’ase?*+ Wɔtwaa no+ firii ateasefoɔ asase so.+ Me man mmarato+ nti na wɔboroo no.+ 9 Ne wuo mu no, wɔbɛsie no abɔnefoɔ+ ne adefoɔ mu,+ nanso wanni nsɛmmɔne biara,+ na nnaadaasɛm nni n’anom.+

      10 Nanso na ɛsɔ Yehowa ani sɛ ɔbɛbubu no,+ na ɔmaa no yareeɛ.+ Sɛ ɔde ne kra to hɔ sɛ asodie afɔdeɛ a,+ ɔbɛhunu n’asefoɔ,+ ɔbɛma ne nna akyɛ,+ na ne nsam na deɛ ɛsɔ Yehowa ani+ bɛgyina.+ 11 Ɔbɛhunu ne kra amanehunu,+ na n’akoma bɛtɔ ne yam.+ M’akoa+ teneneeni no nimdeɛ nti, ɔbɛma nnipa pii anya tenenee gyinabea;+ na ɔno ara bɛsoa wɔn bɔne.+ 12 Ɛno nti mɛma no anya kyɛfa wɔ nnipa pii mu+ na ɔne nnɔmmarima akyɛ asadeɛ,+ ɛfiri sɛ ɔde ne kra maa owuo,+ na wɔkan no fraa mmaratofoɔ.+ Ɔno na ɔsoaa nnipa pii bɔne,+ na ɔdi maa mmaratofoɔ.+

  • Yohane 20:27
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 27 Afei ɔka kyerɛɛ Toma sɛ: “Fa wo nsateaa ka ha, na hwɛ me nsam na fa wo nsa+ ka me mfem, na gyae akyinnyegyeɛ na gye di.”

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane