Mateo
5 Berɛ a ɔhunuu nnipakuo no, ɔforo kɔɔ bepɔ no so; ɔtenaa ase no n’asuafoɔ no baa ne nkyɛn, 2 na ɔbuee n’ano firii aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ:
3 “Anigyeɛ ne wɔn a wɔnim wɔn honhom mu ahiadeɛ,+ ɛfiri sɛ ɔsoro ahennie no yɛ wɔn dea.+
4 “Anigyeɛ ne wɔn a wɔdi awerɛhoɔ, ɛfiri sɛ wɔbɛkyekyere wɔn werɛ.+
5 “Anigyeɛ ne wɔn a wɔdwoɔ,+ ɛfiri sɛ wɔbɛnya asase no.+
6 “Anigyeɛ ne wɔn a tenenee ho kɔm ne sukɔm+ de wɔn, ɛfiri sɛ wɔbɛmee.+
7 “Anigyeɛ ne mmɔborɔhunufoɔ,+ ɛfiri sɛ wɔbɛhu wɔn mmɔbɔ.
8 “Anigyeɛ ne wɔn a wɔn akoma mu teɛ,+ ɛfiri sɛ wɔbɛhunu Onyankopɔn.+
9 “Anigyeɛ ne wɔn a wɔpɛ asomdwoeɛ,+ ɛfiri sɛ wɔbɛfrɛ wɔn ‘Onyankopɔn mma.’+
10 “Anigyeɛ ne wɔn a tenenee nti wɔtaa+ wɔn, ɛfiri sɛ ɔsoro ahennie no yɛ wɔn dea.
11 “Anigyeɛ ne mo sɛ me nti nkurɔfoɔ bɔ mo ahohora+ na wɔtaa+ mo na wɔdi atorɔ ka asɛmmɔne biara to mo soɔ. 12 Momma mo ani nnye na monni ahurisie,+ ɛfiri sɛ mo akatua+ sõ wɔ soro; saa ara na wɔtaa adiyifoɔ+ a wɔdii mo anim no.
13 “Mone asase so nkyene,+ na sɛ nkyene ahoɔden firi mu a, ɛbɛyɛ dɛn na asan anya n’ahoɔden bio? Wɔrentumi mfa nyɛ hwee bio gye sɛ wɔto gu+ abɔnten ma nnipa tiatia so.
14 “Mone wiase hann.+ Kuro a ɛda bepɔ soɔ ntumi nhunta. 15 Wɔnsɔ kanea mfa nhyɛ kɛntɛn ase,+ na mmom wɔde si kaneadua so, na ɛhyerɛn wɔn a wɔwɔ fie hɔ nyinaa so. 16 Saa ara na momma mo kanea+ nhyerɛn nnipa anim, na wɔahunu mo nnwuma pa+ na wɔahyɛ mo Agya a ɔwɔ soro no animuonyam.+
17 “Monnsusu sɛ mebaa sɛ merebɛsɛe Mmara+ anaa Adiyifoɔ no. Mamma sɛ merebɛsɛe no, na mmom sɛ merebɛma no aba mu;+ 18 nokorɛm mese mo sɛ ɛbɛyɛ mmerɛ sɛ ɔsoro ne asase bɛtwam akɔ+ ntɛm koraa sene sɛ ntwerɛdeɛ no mu ketewaa baako anaa ntwerɛdeɛ no bi ho nsensaneeɛ baako bɛfiri Mmara no mu atwam a adeɛ nyinaa renyɛ hɔ.+ 19 Enti obiara a ɔbu+ mmara nketewa yi mu baako so na ɔkyerɛkyerɛ nnipa sɛ wɔnyɛ saa no, wɔbɛfrɛ no ‘ketewa’ ɔsoro ahennie+ no mu. Na obiara a ɔdi soɔ na ɔkyerɛkyerɛ+ no, wɔbɛfrɛ onii no ‘ɔkɛseɛ’+ ɔsoro ahennie no mu. 20 Na mese mo sɛ, sɛ mo tenenee ammoro atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ+ no deɛ so a, morenhyɛn+ ɔsoro ahennie mu ɛkwan biara so.
21 “Motee sɛ wɔka kyerɛɛ tetefoɔ no sɛ, ‘Nni awu;+ obiara a ɔdi awuo+ no bɛdi fɔ wɔ asɛnniiɛ.’+ 22 Nanso mese mo sɛ obiara a ɔkɔ so ma ne bo fu+ ne nua no bɛdi fɔ+ wɔ asɛnniiɛ; obiara a ɔka asɛm a ɛyɛ asefem tia ne nua no bɛdi fɔ wɔ Asɛnniiɛ Kɛseɛ* mu, na wɔde obiara a ɔka sɛ, ‘Woyɛ kwasampani!’ no bɛto Gehenna+ gya a ɛredɛreɛ mu.
23 “Afei sɛ wode w’akyɛdeɛ reba afɔrebukyia ho+ na wokae wɔ hɔ sɛ wo nua wɔ biribi tia wo a,+ 24 gya w’akyɛdeɛ no afɔrebukyia no anim na kɔ; di kan ne wo nua no nkɔsiesie mo ntam,+ na sɛ wosan ba a, woabɛbɔ w’afɔdeɛ.+
25 “Sɛ obi saman wo a, berɛ a monam kwan so rekorɔ no wo ne no nsiesie asɛm no ntɛm, na deɛ ɔrebɔ wo soboɔ+ no amfa wo anhyɛ ɔtemmufoɔ nsa, na ɔtemmufoɔ no amfa wo amma asɛnnibea somfoɔ, na wɔamfa wo anto afiase. 26 Nokorɛm mese wo sɛ, woremfiri hɔ kɔsi sɛ wobɛtua sika no nyinaa a ketewaa bi mpo renka.+
27 “Motee sɛ wɔkaa sɛ, ‘Nsɛe awareɛ.’+ 28 Nanso mese mo sɛ obiara a ɔbɛkɔ so ahwɛ ɔbaa+ anya akɔnnɔ ama no no asɛe awareɛ+ dada n’akoma+ mu. 29 Na sɛ w’ani nifa reto wo suntidua a, tu na to twene.+ Ɛfiri sɛ ɛyɛ ma wo sɛ wobɛhwere wo honam akwaa baako sene sɛ wɔbɛto wo nipadua mũ no nyinaa+ ato Gehenna. 30 Afei nso sɛ wo nsa nifa reto wo suntidua a, twa na to twene.+ Ɛfiri sɛ ɛyɛ ma wo sɛ wobɛhwere wo honam akwaa baako sene sɛ wo nipadua mũ no nyinaa bɛkɔ akɔwie Gehenna.
31 “Bio nso wɔkaa sɛ, ‘Obiara a ɔbɛgyaa+ ne yere no mma no awaregyaeɛ krataa.’+ 32 Nanso mese mo sɛ, sɛ ɛnyɛ adwamammɔ+ nti na obi gyaa ne yere a, ɛbɛtumi ama ɔbaa no asɛe awareɛ,+ na obiara a ɔbɛware ɔbaa a wɔagyaa no no asɛe awareɛ.+
33 “Motee nso sɛ wɔka kyerɛɛ wɔn a wɔtenaa ase tete no sɛ, ‘Nka ntanhunu,+ na mmom sɛ wohyɛ Yehowa bɔ a, tua.’+ 34 Nanso mese mo sɛ: Monnka ntam+ koraa, ɔsoro mpo monnka, ɛfiri sɛ ɛyɛ Onyankopɔn ahennwa;+ 35 monnka asase nso, ɛfiri sɛ ɛyɛ ne nan ntiasoɔ;+ monnka Yerusalem nso, ɛfiri sɛ ɛyɛ Ɔhenkɛseɛ kuro.+ 36 Na saa ara na ɛnsɛ sɛ woka wo tiri ntam, ɛfiri sɛ wontumi mma tiri nwi baako mpo nyɛ fitaa anaa tuntum. 37 Ɛno ara ne sɛ momma mo Aane nyɛ aane, na mo Dabi nyɛ dabi;+ deɛ ɛboro yeinom soɔ no firi ɔbɔnefoɔ no.+
38 “Motee sɛ wɔkaa sɛ, ‘Ani nsi ani ananmu na ɛse nsi ɛse ananmu.’+ 39 Nanso, mese mo sɛ: Mo ne ɔbɔnefoɔ nnni asie; mmom obiara a ɔbɛbɔ w’aso nifa+ mu no, dane baako no nso ma no. 40 Na sɛ obi pɛ sɛ ɔde wo kɔ asɛnniiɛ kɔgye w’atadeɛ nhyɛaseɛ a, fa w’atadeɛ ngugusoɔ nso ka ho ma no,+ 41 na sɛ obi a ɔwɔ tumi hyɛ wo sɛ monkɔ kwansini baako a, wo ne no nkɔ akwansini mmienu.+ 42 Deɛ ɔbisa wo hɔ adeɛ no, ma no, na nnane wo ho mfiri deɛ ɔpɛ sɛ ɔgye wo hɔ bosea* no ho.+
43 “Motee sɛ wɔkaa sɛ, ‘Dɔ wo yɔnko+ na kyiri wo tamfo.’+ 44 Nanso, mese mo sɛ: Monkɔ so nnɔ mo atamfo+ na mommɔ mpaeɛ mma wɔn a wɔtaa mo,+ 45 na moakyerɛ sɛ moyɛ mo Agya a ɔwɔ soro no mma,+ ɛfiri sɛ ɔma n’awia pue nnipa bɔne ne nnipa papa so na ɔma nsuo tɔ gu ateneneefoɔ ne abɔnefoɔ so.+ 46 Na sɛ modɔ wɔn a wɔdɔ mo a, akatua bɛn na mowɔ?+ Ɛnyɛ saa ara na togyefoɔ nso yɛ anaa? 47 Na sɛ mokyea mo nuanom nko ara a, ɛdeɛn na ɛyɛ nwanwa wɔ ho? Ɛnyɛ saa ara na amanaman mufoɔ nso yɛ anaa? 48 Enti sɛdeɛ mo Agya a ɔwɔ soro no yɛ pɛ no, mo nso monyɛ pɛ saa ara.+