Yesaia 51:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 “Me nkurɔfoɔ, montie me; me man,+ monyɛ aso mma me. Mmara bɛfiri me nkyɛn akɔ,+ na m’atemmusɛm bɛtim hɔ ayɛ hann ama aman.+ Yohane 3:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 Deɛ enti a wɔbu atɛn ne sɛ hann+ no aba wiase,+ nanso nnipa dɔ sum sene hann,+ ɛfiri sɛ wɔn nnwuma yɛ bɔne. Yohane 8:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn bio sɛ: “Mene wiase hann.+ Deɛ ɔdi m’akyi no rennante sum mu da,+ mmom ɔbɛnya nkwa hann.” Yohane 9:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Berɛ tenten a mewɔ wiase yi deɛ, mene wiase hann.”+ Yohane 12:36 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 36 Berɛ a mowɔ hann yi, monnya hann no mu gyidie na moayɛ hann no mma.”+ Yesu kaa yeinom na ɔfirii hɔ kɔhuntaeɛ. 2 Korintofoɔ 6:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Mo ne wɔn a wɔnnye nnie nntwe kɔndua korɔ.+ Na twaka bɛn na tenenee ne amumuyɔ wɔ?+ Anaasɛ ayɔnkofa bɛn na hann ne sum wɔ?+ Filipifoɔ 2:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 na moayɛ nnipa a wɔn ho nni asɛm+ na wɔyɛ kronn, Onyankopɔn mma+ a wɔnni dɛm wɔ awoɔ ntoatoasoɔ a akontono na akyea mu,+ berɛ a mohyerɛn wɔn mu sɛ nkanea wɔ wiase,+
4 “Me nkurɔfoɔ, montie me; me man,+ monyɛ aso mma me. Mmara bɛfiri me nkyɛn akɔ,+ na m’atemmusɛm bɛtim hɔ ayɛ hann ama aman.+
19 Deɛ enti a wɔbu atɛn ne sɛ hann+ no aba wiase,+ nanso nnipa dɔ sum sene hann,+ ɛfiri sɛ wɔn nnwuma yɛ bɔne.
12 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn bio sɛ: “Mene wiase hann.+ Deɛ ɔdi m’akyi no rennante sum mu da,+ mmom ɔbɛnya nkwa hann.”
36 Berɛ a mowɔ hann yi, monnya hann no mu gyidie na moayɛ hann no mma.”+ Yesu kaa yeinom na ɔfirii hɔ kɔhuntaeɛ.
14 Mo ne wɔn a wɔnnye nnie nntwe kɔndua korɔ.+ Na twaka bɛn na tenenee ne amumuyɔ wɔ?+ Anaasɛ ayɔnkofa bɛn na hann ne sum wɔ?+
15 na moayɛ nnipa a wɔn ho nni asɛm+ na wɔyɛ kronn, Onyankopɔn mma+ a wɔnni dɛm wɔ awoɔ ntoatoasoɔ a akontono na akyea mu,+ berɛ a mohyerɛn wɔn mu sɛ nkanea wɔ wiase,+