Mmebusɛm
7 Me ba, di me nsɛm so,+ na fa me mmara nsɛm sie.+ 2 Di me mmara nsɛm so na nyini kyɛ,+ na bu me mmara sɛ w’ani kosua.+ 3 Fa kyekyere wo nsateaa,+ na twerɛ no w’akoma pono so.+ 4 Ka kyerɛ nyansa+ sɛ: “Me nuabaa ne wo”; na frɛ nteaseɛ sɛ “Me busuani,” 5 na abɔ wo ho ban afiri ɔbaa hohwini ho,+ ɔbaa huhuni a n’ano yɛ dɛ.+ 6 Mefiri me fie mpomma mu, me nkantankantan mu,+ hwɛeɛ, 7 sɛ mɛhunu agyimfoɔ.+ Mehwɛɛ nnipa mma mu sɛ mɛhunu deɛ ɛbɛto aberanteɛ a ɔnni tire.*+ 8 Ɔnam abɔnten so baabi a ɛbɛn ɔbaa no mpɔtamu, na ɔfa ne fie kwan so,+ 9 anwummerɛ a animu rebiribiri,+ adeɛ resa na esum reba. 10 Menkɔhwɛ a, ɔbaa bi na ɔrebɛhyia no yi! Ɔfira adwamantam,+ nnaadaa wɔ n’akoma mu. 11 Ɔyɛ hagyahagya, na n’akoma apirim.+ Ne nan ntena ne fie.+ 12 Wobɛhwɛ na ɔnam abɔnten, wobɛhu no na ɔgyina dwa so,+ ɔtetɛ mmantwea mmantwea baabiara.+ 13 Ɛnna ɔyeree aberanteɛ no, na ɔfee n’ano.+ Watõtõ n’ani awe, enti ɔka kyerɛɛ aberanteɛ no sɛ:
14 “Asomdwoeɛ afɔrebɔ da me so.+ Ɛnnɛ matua me bɔhyɛ adeɛ.+ 15 Ɛno nti na mafiri adi abɛhyia woɔ, sɛ merebɛhwɛ w’anim yie na mahu wo. 16 Mede kuntu pa asɛ me mpa so, Egypt nwera a ɛyɛ fɛ+ bebree. 17 Mede kurobo ne pɛprɛ ne aduhwam+ apete me mpa so. 18 Bra ma yɛnni ɔdɔ nkɔsi anɔpa; ma yɛmfa ɔdɔ nsɛpɛ yɛn ho.+ 19 Me kunu nni fie; watu kwan kɔ akyirikyiri.+ 20 Wafa sika kotokuo akura. Bosome twa korokuma a na ɔbɛba fie.”
21 Ɔde n’adɔkɔdɔkɔsɛm+ bebree no adaadaa aberanteɛ no. Ɔde n’ano fremfrem no anya no.+ 22 Prɛko pɛ, ɔtu dii n’akyi+ sɛ nantwie a wɔrekɔku no, te sɛ ɔkwasea a wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn agu no rekɔtwe n’aso, 23 kɔsii sɛ agyan hwiree ne mmerɛboɔ mu,+ sɛdeɛ anomaa tu mmirika kɔtɔ fidie mu;+ ɔnnim sɛ ne kra na ɔde reto asiane mu.+
24 Enti afei me mma, montie me na monyɛ aso mma m’anom nsɛm.+ 25 Mma w’akoma nnnane nnkɔfa n’akwan so. Nkɔfa n’atempɔn so.+ 26 Na nnipa pii na wama wɔaku wɔn,+ na wɔn a ɔredi wɔn awuo no dɔɔso.+ 27 Ne fie akwan siane kɔ Adamena* mu;+ ɛsiane kɔ owuo mpia mu.+