Leviticus 19:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 “‘Sɛ morebɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ ama Yehowa+ a, mommɔ no sɛdeɛ ɛbɛsɔ n’ani.+ Mmebusɛm 15:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Abɔnefoɔ afɔrebɔ yɛ Yehowa akyiwadeɛ,+ na teefoɔ mpaebɔ na n’ani gye ho.+ Mmebusɛm 21:27 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 27 Abɔnefoɔ afɔrebɔ yɛ akyiwadeɛ.+ Na sɛ ahohwibra+ bata ho de a, ɛnyɛ koraa. Yesaia 1:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Yehowa asɛm nie: “Mfasoɔ bɛn na mɛnya afiri mo afɔdeɛ bebrebe no soɔ? Adwennini+ hyeɛ afɔdeɛ+ ne mmoa sradeɛ+ no afono me. Na anantwie ne nnwammaa ne mpapo+ mogya+ nso, m’ani nsɔ.+
11 Yehowa asɛm nie: “Mfasoɔ bɛn na mɛnya afiri mo afɔdeɛ bebrebe no soɔ? Adwennini+ hyeɛ afɔdeɛ+ ne mmoa sradeɛ+ no afono me. Na anantwie ne nnwammaa ne mpapo+ mogya+ nso, m’ani nsɔ.+