14 “Onipa a ɔbaa awo no,+
Ne nna yɛ tiaa bi,+ na ɔhaw mee no.+
2 Ɔpue sɛ nhwiren, na wɔtwa no twene;+
Ɔdwane sɛ sunsum,+ na ɔntena ase bio.
3 Nanso onipa a ɔte saa na wode w’ani asi ne soɔ,
Na me na wo ne me rebɛdi asɛm.+
4 Hwan na ɔbɛtumi anya deɛ ne ho teɛ afiri deɛ ne ho nteɛ mu?+
Obiara nni hɔ.
5 Woahyɛ ne nna ato hɔ,+
Na n’abosome dodoɔ wɔ w’anim;
Woatwa hyeɛ ama no na wantra.
6 Yi w’ani firi ne so na ɔnnya home,+
Nkɔsi sɛ ɔbɛnya anigyeɛ sɛ ɔpaani da.
7 Dua mpo, anidasoɔ wɔ hɔ ma no.
Sɛ wɔtwa a, ɛbɛsan afefɛ bio,+
Na ne nnuban remmɔ no.
8 Sɛ ne nhini twintwam wɔ fam
Na ne dunsini wu wɔ dɔteɛ mu,
9 Na ɛnya te nsuo nka pɛ a, na afefɛ,+
Na ɛyiyi nnuban te sɛ dua foforɔ.+
10 Nanso sɛ ɔbarima wu a, ɔnkeka ne ho;
Na sɛ ɔdasani gyaa mu a, na ɔwɔ he?+
11 Nsuo firi po mu kɔ,
Asubɔnten twe, na ɛwe.+
12 Onipa nso kɔda, na ɔnsɔre.+
Ɛnkɔsi sɛ ɔsoro bɛfiri hɔ no, ɔrensɔre,+
Na ɔrennyane mfiri ne nna mu nso.+
13 O sɛ wode me resie Adamena mu ɛ,+
Sɛ wode me rehunta akɔsi sɛ w’abufuo bɛsan,
Na sɛ worehyɛ me da+ na woakae me ɛ!+
14 Sɛ ɔbarima wu a, ɔbɛtena ase bio?+
M’afiase nna nyinaa mɛtwɛn+
Akɔsi sɛ me home bɛba.+
15 Wobɛfrɛ, na me nso mɛgye wo so.+
Ɛfiri sɛ w’ani bɛgyina wo nsa ano adwuma.
16 Nanso seesei deɛ, worekan m’anammɔn;+
Wonhwehwɛ hwee sɛ me bɔne nko.+
17 Woasɔ m’atuateɛ ano wɔ bɔtɔwa mu,+
Na woatare me mfomsoɔ ano.
18 Bepɔ mpo dwiri gu, na ɛfiri hɔ,
Na ɔbotan nso tutu firi ne sibea.
19 Nsuo hohoro aboɔ kɔ;
Ɛyiri na ɛhohoro asase so dɔteɛ kɔ.
Saa na wosɛe ɔdasani anidasoɔ.
20 Wotintim ne so daa ma no twam kɔ;+
Wosakra n’anim, na woyi no firi hɔ.
21 Sɛ wɔhyɛ ne mma animuonyam a, ɔnnim ho hwee;+
Wɔbrɛ wɔn ase a, ɔnhunu ho hwee.
22 Berɛ a ne honam wɔ ne ho nko na ɔte yea,
Na berɛ a ne kra wɔ ne mu na ɔdi awerɛhoɔ.”