17 “Me honhom abubu,+ me nkwa nna ahi;
Asieeɛ wɔ hɔ ma me.+
2 Afɛdifoɔ na wɔatwa me ho ahyia,+
Na m’ani tua wɔn atuateɛ no.
3 Mesrɛ wo, kora m’awowadeɛ so.+
Hwan na ɔbɛkyea me nsam+ de adi agyinamu?
4 Wode nhunumu ahunta wɔn akoma.+
Ɛno nti na womma wɔn soɔ no.
5 Obi tumi ka kyerɛ nnamfoɔ sɛ wɔmmɛgye wɔn kyɛfa,
Berɛ a deɛ ne mma ani da soɔ mpo bɔ wɔn.+
6 Ɔde me ayɛ aman akasabebuo,+
Na mayɛ onipa a wɔtete ntasuo gu n’anim.+
7 Ahometeɛ ama m’ani ayɛ kusukusu,+
Me honam akwaa nyinaa ayɛ sɛ sunsum.
8 Teefoɔ de ahodwirie hwɛ,
Na deɛ ɔdi bem nso bo fu ɔwaefoɔ.
9 Ɔteneneeni bata ne kwan+ ho daa,
Na deɛ ne nsa ho teɛ+ kɔ so nya ahoɔden.+
10 Mo nyinaa, momfa mmra bio. Montoa so ɛ,
Na me deɛ, menhunu onyansafoɔ biara mo mu.+
11 Me deɛ, me nna atwam kɔ,+ me nsusuiɛ agye agu,+
Adeɛ a m’akoma pɛ no.
12 Wɔde adesaeɛ si adekyeeɛ ananmu+ na wɔka sɛ:
‘Hann abɛn deɛ esum wɔ.’
13 Sɛ mekɔ so twɛn mpo a, Adamena na ɛbɛyɛ me fie;+
Esum+ mu na mɛsɛ me kɛtɛ.
14 Mɛfrɛ amena sɛ,+ ‘Me papa ne wo!’
Na mafrɛ mmoaa sɛ,+ ‘Me maame ne me nuabaa!’
15 Na afei, ɛhe na m’anidasoɔ wɔ?+
M’anidasoɔ—hwan na wahunu?
16 Ɛbɛsiane akɔ Adamena adaban mu,
Berɛ a me ne m’anidasoɔ nyinaa bɛsiane akɔ dɔteɛ mu no.”+