17 “Me honhom aboto, na me nkwa nna ahi;
Asieeɛ retwɛn me.+
2 Afɛdifoɔ atwa me ho ahyia,+
Na m’ani tua wɔn atuateɛ no.
3 Mepa wo kyɛw, gye deɛ mede resi awowa no na fa sie.
Hwan bio na ɔbɛkyea me nsam de adi agyinamu ama me?+
4 Ɛfiri sɛ woayi nhunumu afiri wɔn akoma mu asie;+
Ɛno nti na womma wɔn so no.
5 Wɔtumi ne wɔn nnamfo kyɛ deɛ wɔwɔ,
Berɛ a ɛkɔm ama wɔn mma ani akeka kɔ mu.
6 Wama mayɛ animguaseɛ nipa wɔ nkurɔfoɔ mu,+
Enti mayɛ onipa a wɔtete ntasuo gu n’anim.+
7 Ahometeɛ ama m’ani so ayɛ wisiwisi,+
Na me nsa ne me nan nyinaa ayɛ sɛ sunsum.
8 Ateneneefoɔ tɛɛ wɔn anom hwɛ me,
Na abɔnefoɔ nti, deɛ ne ho nni asɛm bo fu.
9 Ɔteneneeni nante ne kwan so daa,+
Na deɛ ne nsa ho teɛ kɔ so nya ahoɔden.+
10 Enti mo nyinaa mommra, na monsan mmɛkeka mo nsɛm no bio,
Na me deɛ, menhunu onyansafoɔ biara wɔ mo mu.+
11 Me nna asa;+
Me tirim adwene ne deɛ m’akoma pɛ nyinaa ayɛ kwa.+
12 Wɔde anadwo yɛ awia,
Na wɔka sɛ: ‘Esum aba yi deɛ, ɛrenkyɛ hann bɛba.’
13 Sɛ metwɛn mpo a, Adamena na ɛbɛyɛ me fie;+
Esum mu na mɛsɛ me kɛtɛ.+
14 Mɛka akyerɛ amena+ sɛ, ‘Me papa ne wo!’
Na maka akyerɛ mmoaa sɛ, ‘Me maame ne me nuabaa!’
15 Ɛhe na m’anidasoɔ wɔ?+
Hwan na wahunu m’anidasoɔ?
16 Ɛbɛsiane akɔ Adamena apono a wɔabram akyire mu,
Na me ne m’anidasoɔ nyinaa bɛsiane akɔ dɔteɛ mu.”+