14 Ɛnna Absalom ne Israel mmarima nyinaa kaa sɛ: “Arkini Husai afotuo no yɛ+ sene Ahitofel afotuo no!” Ná Ahitofel afotuo no yɛ,+ nanso Yehowa na ɔhyɛɛ+ sɛ wɔnsɛe afotuo no+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Yehowa de mmusuo+ bɛba Absalom soɔ.
10 Ma ɔman yi mpirim wɔn akoma+ na wɔnsene wɔn aso.+ Na ka wɔn ani femfam so na wɔamfa wɔn ani anhunu adeɛ, na wɔamfa wɔn aso nso ante asɛm, na wɔn akoma ante aseɛ na wɔansakra annya ayaresa.”+
25 Saa berɛ no na Yesu kaa sɛ: “Agya, ɔsoro ne asase Wura, meyi wo ayɛ wɔ badwam, ɛfiri sɛ wode yeinom asie anyansafoɔ ne animdefoɔ na woayi no adi akyerɛ nkɔkoaa.+