Genesis
23 Mfeɛ a Sara diiɛ nyinaa yɛ ɔha aduonu nson. Yei ne Sara nkwa nna+ nyinaa. 2 Na Sara wuu wɔ Kiriat-Arba,+ anaa Hebron,+ wɔ Kanaan asase so,+ na Abraham baa ɛdan no mu bɛgyam Sara na ɔsuu no. 3 Afei Abraham sɔre firii ne yere funu no ho kɔka kyerɛɛ Het+ mma no sɛ: 4 “Meyɛ hɔhoɔ ne otubrafoɔ a mabɛsoɛ mo.+ Momma me asieeɛ wɔ mo nkyɛn ha na mensie m’amu yi.”+ 5 Ɛnna Het mma no buaa Abraham sɛ: 6 “Me wura+ tie yɛn, woyɛ Onyankopɔn nipa titire a woabɛsoɛ yɛn.+ Sie w’amu no wɔ yɛn asieeɛ no fã biara a wopɛ.+ Yɛn mu biara rentumi mfa n’asieeɛ nkame wo sɛ nsie w’amu.”+
7 Afei Abraham sɔre bɔɔ ne mu ase wɔ Het mma+ a wɔte asase no soɔ no anim,+ 8 na ɔne wɔn kasaa sɛ: “Sɛ mo kra apene so sɛ mensie m’amu a, montie me na monsrɛ Sohar ba Efron mma me,+ 9 sɛ ɔmfa ɔbodan a ɛwɔ Makpela+ a ɛda n’asase ano no mma me. Ɔnnye me boɔ biara a asase no som na ɔmfa mma me mo anim, na mennya baabi mfa nyɛ asieeɛ.”+
10 Saa berɛ no na Efron te Het mma no mu. Enti Hitini Efron+ buaa Abraham maa Het mma no ne obiara a ɔwɔ ne kuro no pono ano tee sɛ:+ 11 “Dabi, me wura! Tie me. Mede asase no ne ɔbodan a ɛwɔ soɔ no nyinaa ama wo. Me manfoɔ nyinaa anim na mede ama woɔ.+ Sie w’amu.” 12 Ɛnna Abraham bɔɔ ne mu ase ɔmanfoɔ no anim, 13 na ɔka kyerɛɛ Efron maa ɔmanfoɔ no tee sɛ: “Sɛ wobɛtie me a—mesrɛ sɛ tie! Mede asase no ho sika bɛma wo. Gye,+ na matumi asie m’amu wɔ hɔ.”
14 Ɛnna Efron buaa Abraham sɛ: 15 “Me wura, tie. Asase a ne boɔ yɛ nnwetɛbena ahanan deɛ, ɛsɛ sɛ ɛyɛ me ne wo ntam asɛm bɛn? Enti sie w’amu no.”+ 16 Enti Abraham tiee Efron na ɔkarii sika a Efron bɔɔ din wɔ Het mma anim no maa no, nnwetɛbena ahanan sɛdeɛ adwadifoɔ kari no.+ 17 Afei Efron asase a ɛwɔ Makpela a ɛda Mamre anim ne ɛso ɔbodan ne nnua nyinaa,+ ɛfiri tire kɔsi tire, 18 bɛdii Abraham nsam,+ na ɛbɛyɛɛ n’agyapadeɛ wɔ Het mma ne wɔn a wɔwɔ ne kuro no apono ano+ nyinaa anim. 19 Ɛnna Abraham siee ne yere Sara ɔbodan mu wɔ Makpela asase so wɔ Mamre anim; ɛne Hebron a ɛwɔ Kanaan asase+ soɔ no. 20 Enti Het mma no danee asase no ne ɔbodan a ɛwɔ soɔ no maa Abraham sɛ asieeɛ.+