21 Ɛnna Hiob buaa sɛ:
2 “Monyɛ aso ntie m’asɛm yi yie,
Na momma yei nkyekyere mo werɛ.
3 Monto mo bo ase mma me na merebɛkasa;
Na sɛ mekasa wie a, mo mu biara bɛtumi adi fɛ.+
4 Me deɛ, onipa na meka me haw kyerɛ no anaa?
Sɛ saa a, anka me honhom ho rempere no anaa?
5 Monnane mo ani nhwɛ me, momfa ahodwirie nhwɛ me,
Na momfa mo nsa nto mo ano.+
6 Sɛ mekae yei a, ɛhaw me,
Na me ho popo nso.
7 Adɛn nti koraa na abɔnefoɔ kɔ so tena aseɛ,+
Wɔnyini kyɛ, na wɔnya wɔn ho kɛse?+
8 Wɔn mma ase tim wɔn ani so,
Na wɔn asefoɔ ase tim wɔn anim.
9 Wɔn afie mu, asomdwoeɛ nko ara, na akomatuo biara nni hɔ;+
Onyankopɔn abaa nso nni wɔn so.
10 Wɔn anantwinini wo, wɔn ho nsuo nsɛe kwa;
Wɔn anantwibereɛ wo,+ na wɔmpɔn.
11 Wɔma wɔn mma firi adi sɛ nnwankuo,
Na wɔn mma hurihuri.
12 Wɔde mpintin ne asankuo bɔ dwom,+
Na abɛn nnyegyeeɛ ma wɔdi ahurisie.
13 Wɔgye wɔn ani wɔn nkwa nna mu;+
Afei nso wɔsiane kɔ Adamena mu afrɛ so.
14 Wɔka kyerɛ nokorɛ Nyankopɔn no sɛ, ‘Firi yɛn nkyɛn kɔ!+
Na yɛnni anigyeɛ biara wɔ w’akwan ho nimdeɛ mu.+
15 Adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no yɛ hwan a ɛsɛ sɛ yɛsom no,+
Na sɛ yɛne no di nkutaho a, ɛdeɛn na yɛnya firi mu?’+
16 Hwɛ! Wɔn yieyɛ nni wɔn nsam.+
Me ne nnebɔneyɛfoɔ agyinatuo ntam kwan ware.+
17 Mprɛ sɛn na nnebɔneyɛfoɔ kanea dum,+
Na mprɛ sɛn na amanehunu to wɔn?
Mprɛ sɛn na ɔde n’abufuo ba wɔn so bɛsɛe wɔn?+
18 Wɔte sɛ serɛ wɔ mframa ano anaa?+
Anaasɛ wɔte sɛ ntɛtɛ a osuframa hu korɔ?
19 Amanehunu na Onyankopɔn bɛkora so ama ɔdebɔneyɛfoɔ mma;+
Ɔbɛtua ne so ka ama no ahunu.+
20 N’ani bɛhunu ne sɛeɛ,
Na ɔbɛnom adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no abufuo.+
21 Ɛdeɛn na ɛbɛyɛ no anigye wɔ ne fie, ne korɔ akyi,
Berɛ a wɔatwa n’abosome soɔ no?+
22 Ɔbɛtumi akyerɛkyerɛ Onyankopɔn,+
Berɛ a Ɔno na ɔbu atitire atɛn no?+
23 Oyi na ɔbɛwuo, ne yiedie kɛseɛ mu,+
Berɛ a n’asom adwo no koraa na ɔte hɔ dwoodwoo no;
24 Berɛ a n’asrɛ adɔ sradeɛ,
Na ne nnompe mu hon ayɛ sɔkyee no.
25 Na obi nso deɛ, ɔwu wɔ ne kra awerɛhoɔ mu
Berɛ a ɔnnii nneɛma pa.+
26 Wɔn nyinaa, dɔteɛ mu na wɔbɛkɔ akɔda,+
Na mmoaa na ɛbɛkata wɔn soɔ.+
27 Hwɛ! Menim mo adwene nyinaa
Ne adwemmɔne a moanya no me ho no.+
28 Ɛfiri sɛ mobisa sɛ, ‘Otitire fie wɔ he,
Na nnebɔneyɛfoɔ ntomadan, wɔn tenabea no wɔ he?’+
29 Mommisaa wɔn a wɔkɔ kwan soɔ no anaa?
Na wɔn nsɛnkyerɛnne nso, monhwɛɛ no yie?
30 Monhunuu sɛ ɔbɔnefoɔ fa ne ho di amanehunu da?+
Na wɔgye no abufuo da?
31 Hwan na ɔbɛka ne kwan ho asɛm asi n’anim?+
Na deɛ wayɛ no, hwan na ɔbɛtua ne so ka?+
32 Ɔno deɛ, damena mu na wɔde no bɛkorɔ,+
Na wɔbɛsiri pɛ wɔ ne da so.
33 Subɔn dɔtetoa mu bɛyɛ no dɛ,+
Na ɔbɛtwe adasamma nyinaa adi n’akyi,+
Na wɔn a wɔdii n’anim no dodoɔ nni ano.
34 Hwɛ sɛdeɛ mo awerɛkyekyerɛ no yɛ adehunu+
Na mo nsɛm no yɛ nkontompo nko ara!”