20 Ɛnna Sofar a ɔfiri Naama no buaa sɛ:
2 “Yei nti na m’adwene kasa kyerɛ me,
Me ho a ɛpere me nti.
3 Mate ntenesoɔ a wɔde asopa me;
Na honhom a ɛnni me nteaseɛ no bie na ɛbua me.
4 Enti wonnim yei firi tete,
Firi berɛ a wɔde onipa too asase soɔ,+
5 Sɛ́ nnebɔneyɛfoɔ ahurisi dwom nkyɛ,+
Na ɔwaefoɔ ahurisidie yɛ berɛ tiaa bi?
6 Sɛ ne kɛseyɛ kɔduru ɔsorosoro,+
Na ne tiri kɔka mununkum mpo a,
7 Ɔbɛyera koraa sɛ n’agyanan a akyenkyene;+
Wɔn a berɛ bi na wɔhu no no bɛbisa sɛ, ‘Ɔwɔ he?’+
8 Ɔbɛtu akɔ sɛ daeɛ, na wɔrenhu no;
Wɔbɛpamo no sɛ anadwo adehunu.+
9 Aniwa a ɛhunuu no no renhu no bio,+
Na ne tenabea nso renhu no bio.+
10 Ɔno ara ne mma bɛhwehwɛ abrɛfoɔ anim adom,
Na ne nsa na ɛbɛsan de n’ahonyadeɛ akɔ deɛ ɛfire.+
11 Ne mmeranteberɛ mu ahoɔden ahyɛ ne nnompe mã,
Nanso dɔteɛ mu na ɛne no bɛkɔ akɔda.+
12 Sɛ adebɔne yɛ n’anom dɛ,
Na ɔma no nane ne kɛtrɛma ase,
13 Sɛ ɔma no yɛ no dɛ na wannyaa mu,
Na wanyi amfiri ne dodom a,
14 Wɔbɛsesã n’aduane mpo wɔ ne nsono mu;
Ɛbɛyɛ sɛ prammire borɔ wɔ ne mu.
15 Wamemene ahodeɛ, nanso ɔbɛfe aba;
Onyankopɔn bɛyi afiri ne yam aba.
16 Ɔprammire borɔ na ɔbɛfeɛ;
Ahuritia kɛtrɛma na ɛbɛku no.+
17 Ɔrenhunu asutene da,+
Ɛwoɔ ne bɔta nsuwansuwa a ɛrebu fa soɔ no.
18 Ɔbɛdane deɛ wabrɛ anya ama nkurɔfoɔ, na ɔremmene;
Ɛbɛyɛ sɛ sika a ɔnya firi n’adwadie mu, nanso ɔrenni mmee.+
19 Ɛfiri sɛ wayɛ nkurɔfoɔ pasaa, na wapo abrɛfoɔ;
Wagye fie a ɛnyɛ ɔno na ɔsiiɛ.+
20 Ne yam rennwo no da;
N’ahonyadeɛ rentumi nnye no.+
21 Biribiara renka mma no mmene;
Ɛno nti na ne yiedie rennyina.
22 Berɛ a ɔwɔ ne biribiara no, adwendwene bɛda ne so;+
Mmusuo nyinaa bi bɛba ne so.
23 Ɛmmra sɛ, sɛ ɔrepɛ biribi ahyɛ ne yafunu mã a,
Onyankopɔn mfa n’abufuhyeɛ mmra ne so;+
Ɔnhwie ngu ne so na ɛnkɔ ne nsono mu.
24 Ɔbɛdwane+ afiri dadeɛ akodeɛ ano;
Kɔbere agyan na ɛbɛhwire ne mu.
25 Pea bɛhwire n’akyi,
Na akodeɛ hyɛnhyɛn bɛwɔ ne bɔnwoma mu;+
Nneɛma a ɛyɛ hu na ɛbɛdi n’akyi.+
26 Wɔbɛkora esum nyinaa so ama n’ademudeɛ;
Egya a obiara mfite mu na ɛbɛhye no;+
Obiara a waka wɔ ne ntomadan mu no, ɛrensi no yie.
27 Ɔsoro bɛda ne mfomsoɔ adi,+
Na asase bɛsɔre atia no.
28 Nsuo a ano yɛ den bɛpra ne fie akɔ;
Wɔbɛhwie nneɛma nyinaa bi, n’abufuo da no.+
29 Yei ne ɔdebɔneyɛfoɔ kyɛfa a ɛfiri Onyankopɔn hɔ,+
N’agyapadeɛ a Onyankopɔn ahyɛ ato hɔ ama no.”