19 Ɛnna Hiob buaa sɛ:
2 “Mobɛteetee me kra+ akɔsi da bɛn,
Na mode nsɛm bɛbubu me+ akɔsi da bɛn?
3 Mprɛ du nie na moaka m’anim;
Ɛnyɛ mo aniwu sɛ mode mo ani asi me soɔ.+
4 Sɛ madi mfomsoɔ+ mpo a,
Me ara me so na me mfomsoɔ bɛda.
5 Sɛ moma mo ho so tia me,+
Na mokyerɛ sɛ m’ahohora fata me a,+
6 Ɛnneɛ monhunu sɛ ɛyɛ Onyankopɔn na wadaadaa me,
Na ɔde n’atena abua me so.+
7 Hwɛ! Meteam sɛ: ‘Asɛm ato me!’ nanso obiara nnye me so;+
Meteam sɛ wɔmmoa me, nanso wɔmmu atɛntenenee.+
8 Ɔde aboɔ fasuo asi me kwan,+ na mantumi antra;
Na ɔde sum akata m’atempɔn so.+
9 Wagye m’animuonyam afiri me nsam,+
Na wayi me tiri so abotire kɔ.
10 Ɔtwe me hwe fam afã nyinaa, na meyera;
Na ɔtutu m’anidasoɔ sɛ dua.
11 N’abufuo nso huru me so,+
Na ɔbu me sɛ ne tamfo daa.
12 N’asraafoɔ bom ba, na wɔka me hyem;+
Wɔtwa me ntomadan ho hyia.
13 Wayi me ara me nuanom afiri me ho kɔ akyirikyiri,+
Na wɔn a wɔni me no, wɔatwe wɔn ho afiri me ho.
14 Nnipa a wɔbɛn me nni hɔ bio,+
Na wɔn a menim wɔn mpo werɛ afiri me;
15 Ahɔhoɔ a wɔtete me fie+ nnim me bio; na me mmaawa mpo bu me ɔnanani;
Mayɛ ɔmamfrani wɔn ani so.
16 Mefrɛ m’akoa, nanso ɔnnye me so.
Mebue m’ano mesrɛ no sɛ ɔnhu me mmɔbɔ.
17 Me home mpo bɔn me yere,+
Na me maame yafumma nso, wɔmpɛ me ho hwa.
18 Mmarimaa nso apo me;+
Deɛ ɛhia ara ne sɛ mɛsɔreɛ, na wɔafiri aseɛ rekasa tia me.
19 Mmarima a me ne wɔn bɔ nyinaa kyiri me,+
Na wɔn a medɔ wɔn asɔre atia me.+
20 Me wedeɛ ne me honam asa ama no aka nnompe;+
Me ne owuo bɔ mpunimpu.
21 Monhu me mmɔbɔ, monhu me mmɔbɔ, O me nnamfo,+
Na Onyankopɔn na ɔde ne nsa aka me.+
22 Adɛn nti na moretan m’ani sɛ Onyankopɔn,+
Na me honam mmee mo?
23 O sɛ anka wɔretwerɛ me nsɛm ato hɔ ɛ!
O sɛ anka wɔretwerɛ no nwoma mu ɛ!
24 Sɛ anka wɔde dadeɛ twerɛdua ne sumpii retwerɛ+
Agu ɔbotan ho ama no atena hɔ daa ɛ!
25 Me deɛ, menim sɛ me gyefoɔ+ te ase,
Na mekɔ a, ɔbɛsɔre agyina+ dɔteɛ so.
26 Sɛ wɔworɔ me honam wie a,—deɛ ɛbɛyɛ nie!
Berɛ a me honam asa awie mpo no, mɛhunu Onyankopɔn;
27 Ɔno na me ara mɛhu no,+
M’ani na mede bɛhu no, na ɛnyɛ ɔhɔhoɔ bi deɛ.
M’asaabo a ɛwɔ me mu asa.
28 Na moka sɛ, ‘Adɛn nti na ɔse yɛretan n’ani?’+
Na mokyerɛ sɛ asɛm no firi me ara.
29 Monsuro nkrantɛ,+
Ɛfiri sɛ nkrantɛ na wɔbɛma so atia mfomsoɔ,
Na moahunu sɛ ɔtemmufoɔ bi wɔ hɔ.”+