Yesaia 40:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Hwan na ɔne no atu agyina na wama no ate biribi ase, anaa ɔkyerɛ no atɛntenenee kwan anaa ɔkyerɛ no nimdeɛ+ anaa ɔma no hunu nteaseɛ kwan paa?+ Romafoɔ 11:34 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 34 Na “hwan na wabɛhunu Yehowa adwene,+ anaasɛ hwan na wabɛyɛ ne fotufoɔ?”+ 1 Korintofoɔ 2:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 Na “hwan na wahunu Yehowa adwene+ a ɔbɛtumi akyerɛkyerɛ no?”+ Na yɛn deɛ, yɛwɔ Kristo adwene.+
14 Hwan na ɔne no atu agyina na wama no ate biribi ase, anaa ɔkyerɛ no atɛntenenee kwan anaa ɔkyerɛ no nimdeɛ+ anaa ɔma no hunu nteaseɛ kwan paa?+