Dawid miktam.
16 Onyankopɔn, kora me so, ɛfiri sɛ wone me dwankɔbea.+
2 Maka akyerɛ Yehowa sɛ: “Wone Yehowa; sɛ meyɛ papa a, menyɛ mma wo,+
3 Na mmom meyɛ ma akronkronfoɔ a wɔwɔ asase soɔ no.
Saa animuonyamfoɔ no, wɔn na m’ani sɔ wɔn paa.”+
4 Wɔn a wɔde ntɛmpɛ di anyame foforɔ akyi no, wɔn yea dɔɔso.+
Merenhwie wɔn mogya afɔrebɔ nsã no bi,+
Na meremma wɔn din nna m’ano.+
5 Yehowa ne me kyɛfa+ ne kuruwa a wɔasusu ama me.+
Me kyɛfa hyɛ wo nsa.
6 Susuhoma no atwa deɛ ɛhɔ yɛ ama me.+
M’ani asɔ deɛ manya no.
7 Mɛhyira Yehowa a wama me afotuo+ no.
Anadwo na m’asaabo tene me soɔ.+
8 Mede Yehowa asi m’anim daa.+
Ɔwɔ me nifa nti, merenhinhim da biara da.+
9 Ɛno nti m’akoma bɛtɔ me yam, na m’animuonyam adi ahurisie.+
Me honam nso bɛtena hɔ dwoodwoo.+
10 Na worennya me kra wɔ Adamena mu.+
Woremma wo nokwafoɔ nhunu amena.+
11 Wobɛma mahunu nkwa kwan.+
Ahurisidie kɛseɛ wɔ w’anim;+
Anigyeɛ wɔ wo nifa so daa.+