22 Dawid kaa dwom+ yi mu nsɛm kyerɛɛ Yehowa, ɛda a Yehowa gyee no firii n’atamfo nyinaa nsam,+ na ɔgyee no firii Saul nsam no.+ 2 Ɔkaa sɛ:
“Yehowa ne me botan+ ne m’abandenden+ ne me Gyefoɔ.+
3 Me Nyankopɔn yɛ me botan.+ Ɔno na medwane metoa no,
Me kyɛm+ ne me nkwagyeɛ abɛn,+ m’abantenten,+
Me dwankɔbea,+ me Gyefoɔ;+ wogye me firi awudisɛm mu.+
4 Mesu mefrɛ Yehowa, Ɔno a ɔfata ayeyie+ no,
Na ɔbɛgye me afiri m’atamfo nsam.+
5 Asorɔkye a ɛdi awuo twaa me ho hyiaeɛ;+
Ahuhufoɔ nsuyire nso yii me hu daa.+
6 Adamena+ nhoma twaa me ho hyiaeɛ;
Owuo mfidie bɛtoaa me.+
7 M’ahohia mu, mefrɛɛ Yehowa,+
Na mesu frɛɛ me Nyankopɔn.+
Ɔtee me nne n’asɔrefie hɔ,+
Na me sufrɛ no duruu n’asom.+
8 Ɛnna asase hinhimiiɛ, na ɛwosoo biribiribiri;+
Ɔsoro nnyinasoɔ nso wosoeɛ,+
N’abufuo nti, ɛwosoo biribiribiri.+
9 Wisie firii ne hwenem, na n’anom gya nso hyee adeɛ;+
Nsramma dɛre firii ne mu.+
10 Ɔkuntunuu ɔsoro mu sianeeɛ.+
Ná esum kabii wɔ ne nan ase.+
11 Ɔtenaa kerubim+ so tu baeɛ,
Na wɔhunuu no sɛ ɔte ɔbɔfoɔ ntaban soɔ.+
12 Ɛnna ɔde sum twaa ne ho hyiaa sɛ asese,+
Nsuo a amuna tumm, mununkum kusuu mu.+
13 N’anim hann mu na nsramma a ɛredɛ firi baeɛ.+
14 Yehowa firi soro boboom,+
Ɔsorosoroni no maa ne nne so.+
15 Ɔsomaa agyan baeɛ, na ɔde bɔɔ wɔn hweteeɛ;+
Ɔtotoo anyinam de tanee wɔn ani.+
16 Wɔhunuu po ase,+
Na asase fapem+ yii adi,
Yehowa animka ne ne hwenem home hahyeehahyee no nti.+
17 Ɔtenee ne nsa firii soro, ɔsɔɔ me mu;+
Ɔyii me firii nsuo akɛseɛ mu.+
18 Ɔgyee me firii me tamfo hoɔdenfoɔ nsam;+
Ɔgyee me firii wɔn a wɔkyiri me nsam, ɛfiri sɛ na wɔn ho yɛ den sene me.+
19 Wɔbɛtoaa me m’amanehunu da,+
Nanso Yehowa bɛyɛɛ me boafoɔ.+
20 Ɔyii me kɔgyinaa deɛ ɛhɔ trɛ;+
Ɔgyee me ɛfiri sɛ n’ani gyee me ho.+
21 Yehowa tua me ka sɛdeɛ me tenenee teɛ;+
Sɛdeɛ me nsa ho teɛ na ɔtua me ka.+
22 Ɛfiri sɛ mafa Yehowa akwan so,+
Na mennyaa me Nyankopɔn nkɔyɛɛ bɔne.+
23 N’atemmusɛm+ nyinaa wɔ m’anim,
Na ne mmara nso, merentwe me ho mfiri ho.+
24 Mɛdi mũ+ n’anim,
Na mɛtwe me ho afiri bɔne ho.+
25 Ma Yehowa ntua me ka sɛdeɛ me tenenee teɛ;+
Sɛdeɛ me nsa ho teɛ wɔ n’anim no, ɔntua me ka.+
26 Ɔnokwafoɔ na wo ne no bɛdi no nokorɛdie mu;+
Ɔbarima a ɔdi mũ na wo ne no bɛdi no mũdie mu;+
27 Deɛ ɔma ne ho teɛ na wobɛte wo ho ama no;+
Na ɔkɔntɔnkyeni deɛ, wo ne no bɛdi no sɛ deɛ ɔnni tire.+
28 Wobɛgye ahobrɛasefoɔ nso;+
Na ahantanfoɔ deɛ, w’ani sã wɔn na wobrɛ wɔn ase.+
29 O Yehowa, wone me kanea;+
Yehowa na ɔma esum dane me hann.+
30 Wo nti, metumi to hyɛ afomfoɔ dɔm so;+
Me Nyankopɔn nti metumi foro fasuo.+
31 Nokorɛ Nyankopɔn no deɛ, ne kwan yɛ pɛ;+
Yehowa asɛm nso, wɔapa mu.+
Ɔyɛ kyɛm ma wɔn a wɔdwane kɔtoa no nyinaa.+
32 Hwan ne Onyankopɔn sɛ Yehowa?+
Na hwan ne ɔbotan sɛ yɛn Nyankopɔn?+
33 Nokorɛ Nyankopɔn no ne me dwankɔbea a ɛyɛ den,+
Na ɔbɛma me kwan ayɛ pɛ;+
34 Ɔma me nan yɛ sɛ ɔforoteɛ deɛ,+
Na baabi a ɛwɔ sorosoro mpo, ɔma metumi gyina hɔ.+
35 Ɔkyerɛkyerɛ me nsa akodie,+
Na me basa kuntunu kɔbere tadua mu.+
36 Wode wo nkwagyeɛ kyɛm bɛma me,+
Na w’ahobrɛaseɛ na ɛma meyɛ kɛse.+
37 Wobɛma m’anammɔn mu atrɛ,+
Na me nanpɔso anwosowoso.+
38 Mɛpamo m’atamfo akɔsi sɛ mɛsɛe wɔn;
Merensan kɔsi sɛ mɛtɔre wɔn aseɛ.+
39 Mɛtɔre wɔn ase na mabubu wɔn,+ na wɔansɔre bio;+
Wɔbɛhwe ase me nan ase.+
40 Wode ahoɔden bɛbɔ me abɔsoɔ ama ɔsa,+
Na wobɛma wɔn a wɔsɔre tia me ahwe ase me nan ase.+
41 Wode m’atamfo kɔn akyi bɛma me,+
Na wɔn a wɔkyiri me no, mɛsɛe wɔn.+
42 Wɔsu frɛ, nanso ɔgyefoɔ bi nni hɔ,+
Wɔfrɛ Yehowa, nanso ɔmmua wɔn.+
43 Mɛyam wɔn muhumuhu sɛ asase so mfuturo,
Na mɛwɔ+ wɔn sɛ abɔnten so atɛkyɛ;
Mɛtiatia wɔn so ayam wɔn.
44 Wobɛyi me afiri me man kasatia mu.+
Na wobɛhwɛ me so ama madi amanaman so.+
Ɔman a mennim wɔn no, wɔn na wɔbɛsom me.+
45 Ahɔhoɔ nso bɛbrɛ wɔn ho ase ama me;+
Wɔbɛyɛ aso atie me.+
46 Ahɔhoɔ bɛkusa,
Na wɔde ahopopoɔ bɛfiri wɔn huntabea aba.+
47 Yehowa te ase;+ nhyira nka me Botantim+ no,
Na me nkwagyeɛ botan Nyankopɔn no, wɔmma ne so.+
48 Nokorɛ Nyankopɔn no na ɔtɔ werɛ ma me;+
Na Ɔno na ɔde aman hyɛ m’aseɛ,+
49 Ɔno na ɔgye me firi m’atamfo nsam.+
Wobɛma me so wɔn a wɔsɔre tia me no so;+
Wobɛgye me afiri deɛ ɔdi awudisɛm nsam.+
50 Ɛno nti, mɛda wo ase amanaman+ mu, O Yehowa,
Na mɛto ayeyi dwom ama wo din:+
51 Ɔno na ɔyɛ nkwagyeɛ nnwuma akɛseɛ ma ne hene,+
Na ɔyɛ deɛ wasra no no adɔeɛ,+
Dawid ne n’aseni no, daa daa.”+