1 Samuel 17:49 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 49 Na Dawid tenee ne nsa hyɛɛ ne kotokuo no mu yii boɔ wɔ mu, na ɔde hyɛɛ ataaboɔ no mu to bɔɔ+ Filistini no moma so, na ɛboɔ no wuraa ne tirim, na ɔhwee ase maa n’anim butuu fam.+ Dwom 18:39 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 39 Wode ahoɔden bɛbɔ me abɔsoɔ ama akodie,Na wobɛma wɔn a wɔsɔre tia me ahwe ase me nan ase.+ Dwom 44:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Wo so na yɛnam sum yɛn atamfo guo;+Wo din mu na yɛnam tiatia wɔn a wɔsɔre tia yɛn no soɔ.+ Dwom 144:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 M’adɔeɛ ne m’abandenden,+M’abantenten ne me Gyefoɔ,+Me kyɛm+ ne Deɛ madwane akɔtoa no;+Deɛ ɔka nkurɔfoɔ hyɛ m’ase no.+
49 Na Dawid tenee ne nsa hyɛɛ ne kotokuo no mu yii boɔ wɔ mu, na ɔde hyɛɛ ataaboɔ no mu to bɔɔ+ Filistini no moma so, na ɛboɔ no wuraa ne tirim, na ɔhwee ase maa n’anim butuu fam.+
2 M’adɔeɛ ne m’abandenden,+M’abantenten ne me Gyefoɔ,+Me kyɛm+ ne Deɛ madwane akɔtoa no;+Deɛ ɔka nkurɔfoɔ hyɛ m’ase no.+